2
Hesekiel Frɛ
Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ na me ne wo nkasa.” Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee se ɔrekasa kyerɛ me.
Ɔkae se, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfo mu, atuatew man a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abesi nnɛ. Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’ Na sɛ wotie anaa wɔantie a, esiane sɛ wɔyɛ atuatewfo nti, wobehu ampa ara sɛ odiyifo bi aba wɔn mu. Na wo, onipa ba, nsuro wɔn anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwɔ mu sɛ nsasono ne nsɔe atwa wo ho ahyia na wote nkekantwɛre mu de, nanso nsuro nea wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. Wɔyɛ atuatewfo ankasa nanso sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo, ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn. Nanso wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ntew atua te sɛ saa atuatewfo no; bue wʼanom na di nea mede ma wo no.”
Afei mehwɛe, na mihuu nsa bi a ateɛ wɔ me so, na mu na nhoma mmobɔwee bi wɔ. 10 Ɔtrɛw mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔakyerɛw kwadwom, awerɛhowdi ne nnome nsɛm.