28
Nkɔmhyɛ A Etia Tirohene
Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se,
“Meyɛ onyame;
mete onyame bi ahengua so
wɔ po mfimfini.”
Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,
ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.
Wunim nyansa sen Daniel ana?
Wunim kokoamsɛm biara ana?
Wonam wo nyansa ne nhumu so
anya ahode ama wo ho,
woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree
agu wʼadekoradan mu.
Wonam wʼaguadi mu nyansa so
ama wʼahonya adɔɔso,
na wʼahonya nti
woahoran wɔ wo koma mu.
“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa
te sɛ Onyame nti,
mede ananafo reba abetia wo,
amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara;
wɔbɛtwetwe wɔn afoa
wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so
na wɔahwirew wʼanuonyam no.
Wɔde wo bɛto amoa no mu,
na wubewu owu yaayaw
wɔ ɛpo mfimfini.
Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”
wɔ wɔn a wokum wo no anim ana?
Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame,
wɔ wɔn a wokum wo no nsam.
10 Wubewu momonotofo wu
wɔ ananafo nsam.
Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”
 
11  Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 12 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso,
na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.
13 Na anka wowɔ Eden
Onyankopɔn turo no mu.
Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:
bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo
sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,
hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo;
wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde,
wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.
14 Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,
efisɛ saa na mehyɛɛ wo.
Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so;
wonantew ogya abo mu.
15 Na anka wʼakwan ho nni asɛm
efi da a wɔbɔɔ wo no
kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.
16 Wʼaguadi a mu trɛw no nti
wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma
na woyɛɛ bɔne.
Ɛno nti mepam wo fii
Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu,
na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub,
fii ogya abo no mu.
17 Wohyerɛn wɔ wo koma mu
wʼahoɔfɛ nti
na womaa wo nyansa porɔwee,
wʼanuonyam no nti.
Enti metow wo kyenee fam;
na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.
18 Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi
agu wo kronkrommea ho fi
ɛno nti memaa ogya fii wo mu
na ɛhyew wo,
na memaa wo dan nsõ wɔ fam
wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
19 Aman a na wonim wo nyinaa
ho adwiriw wɔn wɔ wo ho:
wʼawiei ayɛ ahometew
na wɔrenhu wo bio.’ ”
Nkɔmhyɛ A Etia Sidon
20  Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 21 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Me ne wo anya, Sidon
na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu.
Wubehu sɛ mene Awurade no,
bere a mede asotwe aba ne so
na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.
23 Mɛma ɔyaredɔm aba ne so
na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so.
Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu,
bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa.
Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.
24 “ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.
25 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so. 26 Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”