35
Nkɔmhyɛ A Etia Edom
Awurade asɛm baa me nkyɛn se: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔw Seir; hyɛ nkɔm tia no, na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Bepɔw Seir, na mɛteɛ me basa atia wo na mɛma wo ada mpan. Mɛdan wo nkurow ama ayɛ mmubui na wobɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.
“ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na wuyii Israelfo maa afoa wɔ wɔn amanehunu mu, bere a wɔn asotwe duu ne mpɔmpɔnso no nti, sɛ mete ase yi de, Otumfo Awurade asɛm ni, mede wo bɛma mogyahwiegu na ebedi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwiegu no nti, mogyahwiegu bɛtaa wo. Mɛma bepɔw Seir ada mpan, na mayi wɔn a wodi so akɔneaba no afi hɔ. Mede atɔfo bɛhyɛ wo mmepɔw so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano bɛtotɔ ase wɔ wo nkoko so, aku mu ne wo subon mu. Mɛma woada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkurow so. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.
10 “ ‘Woaka se, “Saa aman abien ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea, na yɛbɛfa,” wɔ bere a me Awurade mete hɔ; 11 enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn. 12 Afei wubehu sɛ me Awurade, mate animtiaabu nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no. Wokae se, “Wɔama ada mpan na wɔadan ama yɛn sɛ yɛmfa.” 13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na metee. 14 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Bere a wiase nyinaa redi ahurusi no, mɛma wo ada mpan. 15 Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”