47
Asubɔnten A Ɛsen Fi Asɔredan No Ho
Ɔbarima no de me san baa asɔredan no kwan ano, na mihuu sɛ asu fi asɔredan no abobow ano ase a ɛsen kɔ apuei fam (na asɔredan no ani hwɛ apuei fam). Na asu no sen fii asɔredan no ase wɔ anafo fam; afɔremuka no anafo fam. Ɔde me fii adi faa atifi fam pon no mu na ɔde me faa mfikyiri baa abɔntenpon a ani hwɛ apuei no, na na asu no sen fi anafo fam.
Bere a ɔbarima no rekɔ apuei fam a okura susuhama no, osusuw anammɔn apem ahannum (500,000), na afei ɔde me faa nsu a ɛdeda nan ase mu. Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda kotodwe mu. Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda sisi mu. Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na afei na asu no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, efisɛ na mu dɔ nti, ɛsɛ sɛ woguare asubɔnten a obiara ntumi ntwa. Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi ana?”
Afei ɔsan de me baa asubɔnten no konkɔn so. Miduu hɔ no, mihuu nnua bebree wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so. Ɔka kyerɛɛ me se, “Saa asu yi sen kɔ apuei fam kɔbɔ Araba mu na hɔ na ɛbɔ po mu. Faako a ɛbɔ po mu hɔ no na nkyene nni asu no mu. Baabiara a asu no sen fa no, abɔde a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ efisɛ saa asu no sen fa hɔ na ɛma nsu a ɛyɛ nkyenenkyene no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yiye wɔ baabiara a asu no sen fa. 10 Apopofo begyinagyina mpoano hɔ; efi En-Gedi kosi En-Eglaim, wobenya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahorow bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Po kɛse no mu. 11 Nanso dontori ne aforɔw no de, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wobegyaw hɔ ama adan nkyene. 12 Nnuaba nnua ahorow benyin wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so. Wɔn nhaban rempo, na wɔn abasow renni huammɔ. Wɔbɛsow aba ɔsram biara, efisɛ nsu a efi kronkronbea hɔ no sen kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduan na wɔde wɔn nhaban asa yare.”
Asase No So Ahye
13 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Ahye a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuw dumien no sɛ agyapade a kyɛfa abien bɛyɛ Yosef dea no ni. 14 Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Efisɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapade.
 
15 “Eyi na ɛbɛyɛ asase no hye:
 
“Atifi fam hye no bɛfa Hetlon kwan so akofi Po kɛse no, atwa mu Lebo Hamat akɔ Sedad, 16 Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye no ntam), na atoa so akɔ Haser Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hye so. 17 Ɔhye no befi po no, afa Damasko atifi fam hye so akosi Hasar-Enan na Hamat hye no abɛda atifi fam. Eyi na ɛbɛyɛ atifi fam hye.
18 Apuei fam hye no befi Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apuei fam po no akosi Tamar. Eyi na ɛbɛyɛ apuei fam hye.”
19 Anafo fam hye no befi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no. Eyi na ɛbɛyɛ anafo fam hye.
20 Atɔe fam no, Po Kɛse no bɛyɛ ɔhye akosi faako a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Eyi bɛyɛ atɔe fam hye.
 
21 “Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛnea Israel mmusuakuw no te. 22 Monkyekyɛ mu sɛ agyapade mma mo ho ne ahɔho a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfo te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wonya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuw no mu. 23 Abusuakuw biara a ɔhɔho bi bɛdɔm no, mu na ɛsɛ sɛ wɔma no nʼagyapade,” Otumfo Awurade asɛm ni.