7
Ɛsra Kɔ Yerusalem
Persiahene Artasasta ahenni mu no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasar babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanyin no babarima. Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a Awurade, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na Awurade nsa no wɔ ne so. Israelhene no ne asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo ne asɔredan mu asomfo ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahenni mfe ason so.
Saa afe no, Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. Ofii Babilonia Abib ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so awotwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so anan. Na Onyankopɔn adom nsa wɔ ne so. 10 Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.
11 Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfo Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a osuae, na ɔkyerɛɛ Israelfo Awurade mmara no. Ɔkyerɛw se:
12 Me ahene mu hene Artasasta, nkyia a mede rekyia ɔsɔfo Ɛsra ne Awurade a ɔte ɔsorosoro no mmarakyerɛni no ni:
13 Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼaheman mu a asɔfo ne Lewifo ka ho no nyinaa, mfi wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem. 14 Me ne mʼagyinatufo baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Nyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho. 15 Fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔre a yɛrebɔ ama Israel Nyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ, 16 na gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wubenya afi Babilonia ne nea wɔde bɛkyɛ wo biara afi ɔmanfo ne asɔfo nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Nyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no kɔ. 17 Saa akyɛde yi, nea ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, adwennini, nguantenmma ne atoko afɔrebɔde a ɛfata, ne nsa afɔrebɔde a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔre wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔremuka so.
18 Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wo mfɛfo mfa nni dwuma biara a mugye di sɛ ɛyɛ mo Nyankopɔn pɛ. 19 Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Nyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no. 20 Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mummisa sika mfi adehye foto mu.
21 Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapade akorae a ɛwɔ asu Efrate agya no sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, efisɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛfo. 22 Ɛsɛ sɛ moma no kosi dwetɛ nkaribo pɔn mpem ason ne ahannum, atoko susukoraa ahannum, nsa gyare ahannum aduonum, ngo gyare ahannum aduonum ne nkyene a wontumi mmu ano. 23 Monhwɛ yiye, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuw ba ɔhene ne ne mmabarima so? 24 Mesan hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo, Lewini, nnwontofo, ɔpon ano hwɛfo, asɔredan mu somfo anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no tua tow biara.
25 Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn. 26 Obiara a obebu mo Nyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wobekum no, wobetwa no asu, wɔbɛfa nʼagyapade anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.*
27 Ayeyi nka Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ onsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no. 28 Na ayeyi nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me anuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufo ne nʼahenemma atumfo no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, efisɛ na Awurade, me Nyankopɔn, nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofo no bi ano sɛ wɔnka me ho mma yɛnkɔ Yerusalem.
* 7:26 7.21-26 Wɔkyerɛw saa ɔfa yi wɔ Arameike kasa a saa bere no na wɔde di dwuma no mu.