9
Ɛsra Bɔ Ahɔhoware Ho Mpae
Na Yudafo ntuanofo no baa me nkyɛn bɛkae se, “Israelfo bebree, na mpo, asɔfo ne Lewifo ntwee wɔn ho mfii nnipa afoforo bi a wɔte asase no so no ho. Wodi akyiwade a na Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo yɛ no akyi. Na Israelfo mmarima ware fi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom fi wɔn mu, ma wɔn mmabarima. Enti ananafo aware no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, mpanyimfo ne ntuanofo no koraa na wodi ho fɔ kɛse.”
Metee saa asɛm no, misunsuan me ntade mu,* tutuu me tinwi fii me ti so, tutuu mʼabogyesɛ nso, tew tenaa fam ahodwiriw so. Na wɔn a na wonya ayamhyehye wɔ Israel Nyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfo nokware a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwiriw so kosii anwummere afɔrebɔbere.
Eduu afɔrebɔbere no, mesɔre gyinaa faako a na mete hɔ awerɛhow mu a masunsuan mʼatade mu no, na mibuu nkotodwe, maa me nsa so kyerɛɛ Awurade, me Nyankopɔn no. Mebɔɔ mpae se:
“Me Nyankopɔn, mʼani awu yiye, na mafɛre sɛ merema mʼani so kyerɛ wo. Na yɛn bɔne akɔ soro sen yɛn ti, na yɛn afɔdi adu ɔsorosoro. Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛse. Ɛno nti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfo ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔn, agu yɛn anim ase sɛnea yɛte nnɛ yi
“Nanso mprempren, Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn adom ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaase. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beae kronkron ha. Yɛn Nyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegye kakra afi yɛn nkoasom mu. Efisɛ na yɛyɛ nkoa, nanso ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no nti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yiye. Ɔkanyan yɛn, sɛnea yebetumi asan asi yɛn Nyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfo no. Wama yɛn bammɔ afasu wɔ Yuda ne Yerusalem.
10 “Na mprempren, yɛn Nyankopɔn, asɛm bɛn na yɛwɔ ka wɔ eyinom nyinaa akyi? Efisɛ yɛapo wo mmara nsɛm 11 a wonam wʼasomfo adiyifo no so bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ‘Asase a mobɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛe bɔne so agu ho fi koraa. Porɔwee ahyɛ asase no so ma, fi ti kosi ti. 12 Enti mommma mo mmabea nware wɔn mmabarima, na mo mmabarima nso nware wɔn mmabea, na ɛnsɛ sɛ moboa saa aman no wɔ ɔkwan biara so, na yɛayɛ ɔman kɛse, adi asase no so nnepa, na yɛagyaw ama yɛn mma sɛ daapem agyapade.’
13 “Nea ato yɛn yi fi yɛn amumɔyɛsɛm ne yɛn afɔdi. Nanso asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sen sɛnea ɛfata yɛn, efisɛ wo Awurade, yɛn Nyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaase. 14 Nanso mprempren, yɛresan abu wo mmara nsɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwade no redi aware. Nokware, wʼabufuw bɛsɛe yɛn ara akosi sɛ, nkaefo kakra no ase bɛtɔre koraa. 15  Awurade, Israel Nyankopɔn, woyɛ ɔtreneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaefo a wɔafi nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdi gyina wʼanim a anka yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim wɔ saa tebea yi mu.”
* 9:3 Ntade mu sunsuan kyerɛ osu ne awerɛhowdi.