2
Mose Awo
Na Lewini bi waree ɔbea bi fii Lewi abusuakuw mu. Ɔbea no nyinsɛn woo abarimaa. Abofra no na huu sɛ ne ho yɛ fɛ yiye nti ɔde no siee fie asram abiɛsa. Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu. Abofra no nuabea kogyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.
Farao babea kɔɔ asu no mu sɛ ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wuram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no. Ɔde bae a obuee so no, ohuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, “Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba.”
Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?”
Ɔhene babea no buae se, “Yiw.” Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae. Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, “Fa abofra no kɔ fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka.” Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no. 10 Onyin kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babea no ma ogyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkae se, “Mɛto ne din Mose efisɛ miyii no fii nsu mu.”
Mose Guan Kɔ Midian
11 Mose nyin no, da bi, ɔkɔsraa ne manfo Hebrifo no. Oduu hɔ no, ohuu sɛ ne manfo no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose huu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. 12 Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha huu sɛ obiara nni hɔ no, okum Misraimni no tutuu nwea mu de no hyɛɛ hɔ. 13 Ade kyee no, ɔsan kɔɔ Hebrifo no nsrahwɛ. Oduu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Obisaa nea nʼasɛm nyɛ dɛ no se, “Dɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”
14 Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe.
15 Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wonkum no. Nanso Mose guan kɔɔ Midian* asase so. Da bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, 16 Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan. 17 Nanso nguanhwɛfo bi pampam mmeawa no. Mose begyee wɔn fii nguanhwɛfo no nsam maa mmeawa no nguan no nsu nomee.
18 Wɔsan koduu wɔn agya Reuel nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, munyaa nsu maa nguan yi nom ntɛm sɛɛ?”
19 Wɔka kyerɛɛ wɔn agya se, “Misraimni bi na ogyee yɛn fii nguanhwɛfo no nsam. Ɔno ara na ɔtow nsu no maa yɛn nguan no nomee.”
20 Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.”
21 Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyiri no, ɔne wɔn kɔtenae, maa Reuel de ne babea Sipora maa no aware. 22 Wɔwoo ɔbabarima maa Mose too no din Gersom, ase ne Ɔhɔho, efisɛ Mose kyerɛ ase se, “Meyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.”
23 Mfe bi akyi no, Misraimhene no wui. Na Israelfo no resi apini wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. 24 Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kaee bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefo bɛsan aba Kanaan asase so no. 25 Onyankopɔn hwɛ huu sɛ bere adu sɛ ogye wɔn.
* 2:15 Na Midian yɛ Abraham mmabarima no mu baako (1 Mose 25.2). Na Midianfo no te Sinai atifi fam. 2:18 Reuel yɛ Yetro din foforo.