22
Agyapade Ho Bammɔ
“Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan na okum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwi anum besi nantwi baako anan mu. Na ɔde nguan anan asi oguan baako biara anan mu.
“Sɛ wohu ɔkorɔmfo sɛ ɔrewura ofi bi mu anadwo na wokum no a, nea okum no no nni fɔ. Na sɛ asɛm no si awia de a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudi enti onipa a okum ɔkorɔmfo no di fɔ.
“Sɛ mokyere ɔkorɔmfo bi a, momma ontua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ka no. Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwi anaa afurum anaa oguan a onwui anaa biribi foforo bi a, mommɔ no dekode a owiae no ho ka mpemanim.
“Sɛ obi hyɛ da gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afum kodidi wɔ hɔ, sɛe nnɔbae a, ɔmfa ɔno ara ne nnɔbae mu nea ɛsɔ ani pa ara no mmetua ka.
“Sɛ obi rehyew nʼafuw, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforo afuw mu, hyew, sɛe ne nnɔbae a, nea ɔsɔɔ gya no betua nnɔbae a asɛe no nyinaa ho ka.
“Sɛ obi ma ɔfoforo sika anaa ade foforo bi sɛ ɔmfa nsie mma no na wowia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfo no a, obetua ne mpemanim. Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfo no a, wɔde onipa a wɔde agyapade no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ ɔno ankasa na owiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. Sɛ ɛba sɛ nantwi, afurum, oguan, ntama anaa biribi foforo bi yera na nea nʼade ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekode no, na onii no san se ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na nea obedi fɔ no, obetua ade a ɛyerae no ho ka mmɔho abien ama ɔbaako no.
10 “Sɛ obi de afurum, nantwi, oguan anaa aboa foforo bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa opira anaa oguan na sɛ obi anhu ammɛka a, 11 ɛsɛ sɛ nea ogyee aboa no ayɛn no ka ntam sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no, na ne wura no gye to mu a, onnye biribiara nsi anan mu. 12 Nanso sɛ wia na wowiaa aboa no anaa dekode no wɔ ne nkyɛn de a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfo a wowiaa aboa no anaa dekode no fii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. 13 Sɛ akekaboa na okum no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara.
14 “Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforo bi fi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa opira, bere a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. 15 Na sɛ ne wura no wɔ hɔ de a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfo no tua ka, efisɛ wobuu eyi nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu.
Abrabɔ Ho Mmara
16 “Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa ɔbea bi a ɔnyɛɛ ne ho ade na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho ade na ɔware no. 17 Sɛ ɔbea no agya se ɔmpene aware no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne ti sika.
18 “Munkum mmea nkonyaayifo.
19 “Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wonkum no.
20 “Obiara a obefi Awurade akyi abɔ onyame foforo bi afɔre no, wonkum no.
21 “Monnyɛ ɔhɔho ayayade, efisɛ na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim.
22 “Munnsisi akunafo anaa ayisaa; 23 na sɛ moyɛ saa na wosu frɛ me a, megye wɔn so. 24 Mede mʼabufuw betia mo na mama atamfo dɔm akum mo na mo yerenom nso adan akunafo ama mo mma nso ayɛ ayisaa bi.
25 “Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. 26 Sɛ wugye ne ntama de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼade kɔma no. 27 Efisɛ ebia na ntama a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hyew ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ osu frɛ me a, metie na mahu no mmɔbɔ, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo.
28 “Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanyimfo anaa mo atemmufo anaa wɔn a wodi mo so.
29 “Momfa mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako mmrɛ me ntɛm so.
“Saa ara nso na muntua mo mmakan mmarima nkwagye ho ka no. 30 Ma wo nantwi anaa wo guan abakan no ne ne na ntena nnanson, na da a ɛto so awotwe no, fa no brɛ me.
31 “Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me nti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Munnyaw ne funu no mma akraman mmɛwe.