28
Asɔfotade
“Yi wo nua Aaron ne ne mmabarima Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar na tew wɔn ho na wɔnyɛ asɔfo nsom me. Pam atade kronkron ma wo nua Aaron na ama anuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atade no na ɛnyɛ fɛ, sɛnea ɛbɛma afata nʼadwuma no. Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atade no. Ɛno na ɛbɛma no ada nsow wɔ ne mfɛfo mu na ama watumi asom me. Ntade ahorow a wɔbɛpam no ni: adɛbo asɔfotade, atade yuu, atade kɔnsin a ɛyɛ adamadam, abotiri ne nkyekyeremu. Wɔbɛpam ntade kronkron bi nso de ama Aaron mmabarima no. Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwen na ɛbɛpam.
“Ma ntamanwen mu adwumfo papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafura nyɛ asɔfotade no. Wɔbɛpam no asinasin abien a ɛyɛ anim ne akyi a wɔapam ne mmati no so abɔ mu. Nkyekyeremu no bɛyɛ ntama koro no ara bi. Ɛbɛyɛ asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan.
“Fa apopobibiri abo abien na kyerɛw Israelfo mmusuakuw no din gu so. 10 Ɔbo biara, wɔnkyerɛw din asia ngu so, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bedidi so mpanyin mu. 11 Fa ɔkwan a aboɔdemmotwafo si fa twa din gu adwinne so no so kyerɛw din ahorow no sɛnea Israel mma no din te, na fa sika mmuano twa ho hyia. 12 Fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so na ɛnyɛ nkae ade mma Israelfo. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade. 13 Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim 14 ne ntweaban abien a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare ntetareho a ɛwɔ asɔfotade no mmati so no mu.
15 “Momma odwumfo a nʼadwinni yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmu adɛbo no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan na ɛmpam adɛbo no sɛnea mode pam asɔfotade no. 16 Mummu adɛbo no nto so na ɛnyɛ sɛ ntama nkotoku. 17 Momfa abo a ɛsom bo a ɛsesa so anan mmobɔ mu. Nea a edi kan no nyɛ bogyanambo, nea ɛto so abien no nyɛ akraatebo na nea etwa to no nyɛ ɔbo a ɛte sɛ ahabammono. 18 Nsaso a ɛto so abien no nyɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo. 19 Nsaso a ɛto so abiɛsa no nso bɛyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo. 20 Nsaso a ɛto so anan no bɛyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo. Sikakɔkɔɔ mmuano ntwa ne nyinaa ho nhyia. 21 Ɔbo no baako biara begyina hɔ ama Israel mmusuakuw no baako. Na wɔbɛkyerɛw abusua ko no din agu so sɛ nsɔwanode.
22 “Ɔkwan a mobɛfa so de adɛbo no afam asɔfotade no mu ni: yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban. 23 Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien, na fa tetare adɛbo no twɔtwɔw so. 24 Fa sikakɔkɔɔ ntweaban abien no hyehyɛ adɛbo no nkaa abien no twɔtwɔw so, 25 ntweaban abien a aka no fa biara nso, wɔmfa ntare ɔbo a ɛte sɛ apopobibiri no apɔw abien no so nsan mfa ntare asɔfotade no mmati so. 26 Yɛ sika nkaa abien na fa hyehyɛ adɛbo ntwea abien a ɛwɔ fam no mu. 27 San yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ asɔfotade no ntwea so wɔ fam ma ɛnka nkyekyeremu no. 28 Fa bibiri hama kyekyere adɛbo no ase na fa hyehyɛ nkaa a ɛwɔ asɔfotade no ase no mu. Eyi remma adɛbo no mfi asɔfotade no ho ntew nsensɛn.
29 “Aaron bɛfa saa kwan yi so na ɔde Israel mmusuakuw no din a ɛwɔ adɛbo no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na eyi na ɛbɛma Awurade akae Israelman bere nyinaa mu. 30 Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim* a ase ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adɛbo a ɛda ne koko so no kotoku mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛde de ma ne nkurɔfo no bere biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.
31 “Wɔde ntama tuntum na ɛbɛpam asɔfotade no 32 na wɔagyaw ɔkwan bi a Aaron de ne ti bewura mu. Ɛsɛ sɛ wɔde ntama a wɔanwen to atade no kɔn mu hyia, na ansuane amfa mu. 33 Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan na ɛbɛpam ato ano. 34 Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ adɔmma ne atoaa aba a edi afrafra twa asɔfotade no mmuano ho hyia. 35 Bere biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotade yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na dɔn no rewosow sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu.
36 “Afei, boro sikakɔkɔɔ ankasa ma ɛnyɛ tratraa sɛ prɛte na kyerɛw so sɛnea wokurukyerɛw nsɔwanode so no se:
Kronkron Ma Awurade.
37 Wɔde ntama tuntum beso mu asensɛn Aaron abotiri no anim. 38 Aaron de saa ade no bɛbɔ ne moma so sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfo no bɔ afɔre biara na mfomso ba ho a, ɛho asodi bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.
39 “Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwen Aaron atade kɔnsin no. Ma ɛnyɛ adamadam na fa ntama koro no ara bi pam abotiri na nwen biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu. 40 Pam atade yuu ne nkyekyeremu ne abotiri ma Aaron mmabarima na momfa obu ne nidi mma wɔn. 41 Saa ntade yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmabarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfo wɔ ɔsom no mu, na momfa ntew wɔn ho sɛ asɔfo a wɔyɛ me dea.
42 “Mompam sirikyi ntade a efi wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntade no agu so. 43 Bere biara a Aaron ne ne mmabarima no rekɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔremuka no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a afɔbu bɛba wɔn so ama wɔawuwu.
“Eyi yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmabarima.
* 28:30 Urim ne Tumim yɛ nneɛma bi a wɔnam so hu Onyankopɔn apɛde.