31
Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa. Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo.
 
“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no:
 
“Ahyiae Ntamadan,
Apam Adaka ne mpata agua ne
Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa;
ɔpon no ne so nneɛma,
sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma,
ohuam afɔremuka;
ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma,
nsankason ne ne nnyinaso;
10 ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no
ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no;
11 ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no.
 
“Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.”
12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 13 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’
14 “ ‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no. 15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no. 16 Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ. 17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ ”
18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.