39
Asɔfotade
Nnipa no de ntama tuntum, bibiri ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade maa asɔfo no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntade kronkron no sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
Wɔde asaawatam bi a wɔanwen afi asaawa a wɔato mu na ɛpam asɔfotade nkataase no. Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa, ɛnna otwitwaa no nteanteaa sɛ hama na ɔde bobɔɔ ntama tuntum, bibiri ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔw yiye. Wɔde nwoma a wɔapam susoo nkataase no mu fi ase besii mmati ahama abien no mu. Na wɔde ntama tuntum, bibiri, koogyan ne sikakɔkɔɔ yɛɛ nkyekyeremu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Mose no.
Abo apopobibiri abien a wotwa de femfam mmati ahama abien no a eso asɔfotade no nkataase no mu no, sikakɔkɔɔ na wɔde kyerɛw Israelfo mmusuakuw no nyinaa din guu so sɛnea wɔkyerɛw nsateaa so kaa so no. Saa abo yi yɛ nkae ade de ma Awurade fa Israelfo ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.
Wɔpam adɛbo no te sɛ asɔfotade a wɔde nwera ankasa yɛe, na wɔde sikakɔkɔɔ hama ne asaawa tuntum, bibiri ne koogyan na ɛnwen mu. Na ɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa akron a wɔabu abɔ so. 10 Na wɔhyehyɛɛ abo a ɛsom bo sesaa so nnidiso nnidiso anan wɔ mu. Nnidiso a edi kan no yɛ bogyanambo, akraatebo ne ahabammono bo; 11 nnidiso a ɛto so abien no yɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo; 12 nea ɛto so abiɛsa no yɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo; 13 na nea ɛto so anan no yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo a wɔde sikakɔkɔɔ atwa emu biara ho ahyia. 14 Wɔyɛɛ abo no te sɛ nsɔwanode bi kyerɛw Israel mmusuakuw dumien no din guu so.
15 Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de adɛbo no aso asɔfotade no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ asɔfotade no mmati ntareso abien no so. 16 Wɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwɔtwɔw so wɔ soro. 17 Wɔde sikakɔkɔɔ ahama abien no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa a ɛwɔ adɛbo no mu no mu. 18 Wɔde ahama no ti no bobɔɔ sikakɔkɔɔ no a esuso asɔfotade no mu no mu. 19 Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien nso hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no a egu asɔfotade no so pɛɛ no so. 20 Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien susoo asɔfotade no mmati ntareso no mu ma ɛbɛn nkyekyeremu a wɔanwen no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotade no ahyiae so no. 21 Sɛnea ɛbɛyɛ na adɛbo no begyina pɛpɛɛpɛ wɔ nkyekyeremu fɛfɛ no so nti, wɔde ntama tuntum kyekyeree nkaa a esuso adɛbo no ne asɔfotade no mu. Eyinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.
22 Asɔfotade no fa kɛse no ara de, wɔde ntama tuntum na ɛnwenee 23 na wotwaa mfimfini tokuru pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛnea wɔhyɛ a ɛrentetew. 24 Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔanwen yɛɛ biribi te sɛ atoaa aba de sensɛn batakari no ase mmuano no ano. 25 Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ atoaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiae. 26 Sɛ Aaron hyɛ asɔfotade yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
27 Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade no bi maa Aaron ne ne mmabarima. 28 Wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam adɛbo, abotiri, kyɛw ne nhyɛasetam ahorow no. 29 Bio, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam nkyekyeremu no na wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan dii mu adwinni sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
30 Na afei, wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ abɔanim a wɔakyerɛw so:
Kronkron Ma Awurade.
31 Wɔde ntama tuntum na asina abɔanim no abɔ abotiri no mu sɛnea Awurade hyɛe no.
32 Eyi nyinaa akyi no, wowiee Ahyiae Ntamadan no si sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wonsi no no. 33 Afei, wɔde Ahyiae Ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose:
 
Nkyerewa, nnyinaso, mmeamu nnua, mpuran ne nsisiso;
34 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, nkataano,
35 adaka no a Mmaransɛm Du no wɔ mu no, nnua a wɔde soa Mpata agua;
36 ɔpon no ne ɛho nneɛma, Ɔkyerɛ Brodo,
37 sika akaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo wɔde sɔ kanea;
38 sikakɔkɔɔ afɔremuka, ɔsrango, aduhuam ne Ahyiae Ntamadan no nkataano,
39 kɔbere Afɔremuka, kɔbere ntwitae, nnua no ne ɛho nneɛma,
nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,
40 ntwahotam a wɔde twa adiwo hɔ fasu ho, ne ɛho nnua a esuso mu,
nnyinasode ne ntwahotam a ɛwɔ adiwo pon ano,
ntampehama ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiae Ntamadan no si.
41 Wɔde asɔfotade a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛe. Afei, wɔde Aaron asɔfotade kronkron no nso ne ne mmabarima de a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.
 
42 Enti Israelfo no dii nsɛm a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so. 43 Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa huu sɛ biribiara ntɔ kyima wɔ ho no, ohyiraa wɔn, efisɛ sɛnea Awurade hyɛe no ara pɛ na wɔyɛe.