12
Onyankopɔn Frɛ Abraham
Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.
“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛse,
na mehyira wo.
Mɛma wo din atrɛw,
na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.
Mehyira wɔn a wohyira wo,
na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.
Ɛnam wo so na wobehyira
nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”
Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum. Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.
Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so. Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti Abram sii afɔremuka wɔ hɔ, de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.
Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.
Na Abram fii hɔ toaa so de nʼani kyerɛɛ Negeb.
Abram Ne Sarai Kɔ Misraim
10 Saa bere no, ɔkɔm kɛse bi sii asase a na Abram te so no so. Enti otu kɔtenaa Misraim* asase so kakra, efisɛ ɔkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yiye. 11 Ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai se, “Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ yiye. 12 Sɛ Misraimfo no hu wo a, wɔbɛka se, ‘Ne yere ni. Momma yenkum no, na yɛmfa no.’ 13 Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabea a, Misraimfo no bɛhwɛ me yiye, efisɛ wɔn ani wɔ wo ho nti wɔrenkum me.”
14 Bere a woduu Misraim asase so no, Misraimfo no huu sɛ ɔbea no ho yɛ fɛ yiye. 15 Na ɔhene Farao mpanyimfo huu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amanneɛ. Enti ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbea no baa nʼahemfi hɔ. 16 Esiane ɔbea no ahoɔfɛ nti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yiye, maa no nguan, anantwi, afurumnini ne afurumbere, nkoa, mfenaa ne yoma.
17 Na esiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfi hɔ no nti, Awurade Nyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fifo so. 18 Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, “Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔbea no yɛ wo yere? 19 Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!” 20 Na Farao hyɛɛ asraafo sɛ wonkogya Abram ne ne yere kwan a wɔn fifo ne wɔn agyapade nyinaa ka ho.
* 12:10 Asuten a ɛdeda Misraim no nti, ɔpɛ dennen no anka no.