14
Abram Gye Lot
Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal bere so, na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. Saa ahemfo yi a wɔyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Sidim subon a ɛno ne Nkyene Po no mu. Wɔsom Kedorlaomer mfe dumien, na afe a ɛto so dumiɛnsa mu no, wɔtew atua.
Afe akyi no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfo,* a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifo a wɔwɔ Ham ne Emifo a wɔwɔ Kiriataim ne Horifo a wɔwɔ bepɔw Seir so de kosi El-Paran a ɛda sare ano no. Afei, wɔsan wɔn akyi baa En-Mispat a akyiri no, wɔfrɛɛ no Kades bekunkum Amalekfo ne Amorifo nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn man no nyinaa.
Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a wɔfrɛ no Soar no kɔɔ saa ahemfo baanan yi a wɔne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wokohyiaa wɔ Sidim subon mu. 10 Na nkomoa pii wɔ Sidim Bon no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene asraafo no reguan no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomoa no mu, na nkae no nso guan kɔɔ mmepɔw a na ɛwɔ hɔ no so. 11 Ahemfo baanan a wodii nkonim no fom Sodom ne Gomorafo ahode ne wɔn nnuan nyinaa de kɔe. 12 Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no nti, nkonimdifo no faa ɔno ne nʼagyapade nyinaa kɔe.
13 Na Sodom ne Gomora aguanfo no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amanneɛ. Saa bere no, na Abram abɔ ne ho atenase wɔ odum kwae bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ de no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafo no. 14 Bere a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fifo nnipa ahaasa ne dunwɔtwe a wɔatetew wɔn sɛ akofo ano, maa wotiw atamfo no, kosii kurow bi a wɔfrɛ no Dan mu. 15 Da no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakofo no mu ma wɔtow hyɛɛ atamfo no so, kunkum wɔn, taa wɔn koduu kurow bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. 16 Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaa no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapade ne mmea ne nnipa foforo a wɔkyekyeree wɔn no nyinaa san bae.
17 Abram kodii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Sodomhene behyiaa no wɔ Sawe bon a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bon no mu.
18 Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo no de brodo ne nsa brɛɛ no, 19 behyiraa Abram se:
“Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase,
Nhyira nka wo, Abram.
20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn
a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.”
Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako.
21 Sodomhene no ka kyerɛɛ Abram se, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”
22 Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se, 23 Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa hama baako anaa mpaboa so hama mpo, mfi wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24 Merennye hwee mfi wo nkyɛn, gye nea me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfo Aner, Eskol ne Mamrɛ de, ma wɔn wɔn kyɛfa.”
* 14:5 Refaimfo nkyerɛase ne “nnipa abran.” 14:18 Salem yɛ Yerusalem tete din.