28
Isak Hyira Yakob
Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da. Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo na Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmabea no mu baako. Otumfo Nyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔ bebree, na wʼasefo no abɛyɛ ɔman kɛse a mmusuakuw bebree befi mu aba. Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefo. Ɔmma asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho yi, a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” Sɛnea Isak gyaa ne ba Yakob kwan ni: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob mama Rebeka ne nuabarima.
Esau Ware Ismael Babea
Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ohyiraa no no, ɔhyɛɛ no se, “Nware saa Kanaanfo mmea yi bi da.” Yakob tiee nʼagya ne ne na afotu no sii mu kɔɔ Paddan-Aram. Esau huu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfo mmea asɛm. Enti osii mu kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babea Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabea, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima no babea. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.
Yakob Dae A Ɔsoo Wɔ Bet-el
10 Yakob fii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. 11 Oduu baabi na onwini redwo no, ɔpɛɛ baabi soɛe, efisɛ na ade resa. Ɔfaa ɔbo bi wɔ faako a wadu hɔ de yɛɛ sumii. 12 Ɔdae no, ɔsoo dae bi. Dae no mu no, ohuu sɛ antweri bi si fam a nʼatifi ka wim, na Onyankopɔn abɔfo redi so aforosian. 13 Ohuu sɛ Onyankopɔn gyina antweri no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Awurade, Abraham Nyankopɔn, ne wʼagya Isak Nyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefo. 14 Wʼasefo bɛyɛ sɛ asase so mfutuma, na mobɛtrɛtrɛw akɔ apuei ne atɔe, atifi ne anafo nyinaa. Wo ne wʼasefo mu na wofi behyira wiase mmusuakuw nyinaa. 15 Eyinom nyinaa akyi no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi, na mɛsan de wo aba saa asase yi so. Merennyaw wo da, kosi sɛ bɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”
16 Yakob nyanee no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beae ha yi, a na minnim!” 17 Yakob suroe, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim se, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi. Ɔsoro pon ano ne ha.”
18 Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no so sii hɔ, hwiee ngo guu so. 19 Ɔtoo beae no din Bet-El a ase kyerɛ Onyame fi. Kan no na anka wɔfrɛ saa kurow no Lus.
20 Na Yakob kaa ntam se, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantu yi mu, ama me aduan adi, ama me ntama afura, 21 sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan aba mʼagya fi asomdwoe mu a, ɛno de, Awurade bɛyɛ me Nyankopɔn. 22 Saa ɔbo a mede asi hɔ sɛ nkaedum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu du mu baako bɛma wo.”