36
Esau Asefo
Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.
 
Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.
Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri. Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so. Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.
 
Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.
 
10 Esau mmabarima no din na edidi so yi:
Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.
11 Elifas nso mmabarima din na edidi so yi:
Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.
13 Reuel mmabarima din na edidi so yi:
Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom.
14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom:
Yeus, Yalam ne Kora.
 
15 Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw:
Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi:
Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.
17 Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi:
Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom.
18 Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi:
Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no.
19 Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.
 
20 Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no:
Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.
22 Lotan mmabarima ne eyinom:
Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea.
23 Sobal nso mmabarima ne eyinom:
Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24 Na eyinom ne Sibeon mmabarima:
Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no.
25 Ana mma ni:
Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no.
26 Disan mmabarima ni:
Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
27 Eser mmabarima ne eyinom:
Bilhan, Saawan ne Akan.
28 Eyinom ne Disan mma:
Us ne Aran.
29 Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw:
Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30 Disan, Eser ne Disan.
Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so.
Edom Ahemfo
31 Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:
32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.
33 Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.
34 Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
35 Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.
36 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
37 Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.
38 Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.
39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.
 
40 Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni:
Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
43 Magdiel abusua ne Iram abusua.
Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe.
 
Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.