39
Yosef Ne Potifar Yere Ho Asɛm
Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam.
Na Awurade ka Yosef ho nti, nʼabrabɔ sii no yiye. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fi. Yosef wura no huu sɛ Awurade ka ne ho, na nea na ɔyɛ biara no, Awurade hyiraa so maa no, na Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa. Bere a Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so, esiane Yosef nti. Awurade hyiraa nʼagyapade a ɛwɔ fi ne ne mfuw nyinaa so. Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara.
Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye. Ankyɛ ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so, ka kyerɛɛ Yosef se, “Bra, na wo ne me mmɛda!”
Nanso Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no se, “Esiane sɛ fie ha biribiara hyɛ me nsa nti, me wura nnwen fie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapade nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.” 10 Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda.
11 Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ. 12 Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.
13 Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no, 14 ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu. 15 Ɔtee sɛ mereteɛteɛ mu no, oyii nʼatade guu me so, guan fii fie ha.”
16 Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae. 17 Ɔbea no bɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me mmonnaa. 18 Meteɛteɛ mu no na oguan fii fie ha, gyaw nʼatade.”
19 Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye. 20 Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no.
Bere a Yosef da afiase hɔ no, 21 na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔe ma ɛno nti, afiase sohwɛfo panyin no pɛɛ nʼasɛm yiye. 22 Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfo panyin no de Yosef sii nneduafo no nyinaa so panyin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. 23 Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no nti, na afiase sohwɛfo panyin no nhaw ne ho nyɛ adwuma. Efisɛ biribiara a Yosef bɛyɛ no, Awurade hyira so ma esi yiye.