41
Yosef Kyerɛ Farao Dae Ase
Mfe abien akyi no, Farao soo dae bi. Na ogyina Asubɔnten Nil ho. Ohuu wɔ dae no mu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fii asubɔnten no mu ba bɛwee sare a na ɛwɔ hɔ no. Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya fii Asubɔnten Nil mu ba begyinaa anantwi a wɔadodɔ srade no ho wɔ asu no konkɔn so. Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade no. Na Farao bɔɔ pitiri nyanee!
Nna faa Farao bio ma ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohuu wɔ dae no mu sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ asow wɔ ɔmo dua baako so. Akyiri no, kasiaw ason bi a ɛyɛ nkanyankanya a apuei mframa abɔ no ama atwintwam nso fifii. Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao nyanee, na ohuu sɛ sɛɛ na nea ohuu no nyinaa yɛ ɔdae.
Ade kyee no, nʼadwene mu yɛɛ no basaa. Enti Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifo ne anyansafo a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fi. Farao kaa dae a ɔsoo no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ ase.
Ɛhɔ na Farao nsahyɛfo panyin no ka kyerɛɛ Farao se, “Nnɛ na wɔakae me me sintɔ. 10 Mmere bi a atwa mu no, wo Farao bo fuw wʼasomfo yiye. Ɛnam so ma wode me ne wo brodotofo panyin kɔtoo afiase wɔ awɛmfo panyin fi. 11 Yɛn baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro no ara a na ɛsono sɛnea yɛn mu biara dae no si te. 12 Saa bere no, na Hebrini aberantewa bi a na ɔyɛ awɛmfo panyin Potifar somfo ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn dae a yɛsosoo no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara dae ase pɛpɛɛpɛ. 13 Na ne nkyerɛase a ɔmaa no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesan kodii me dibea, na wɔsɛn brodotofo panyin no nso.”
14 Amono mu hɔ ara, Farao soma ma wokoyii Yosef fii afiase hɔ bae. Ofi afiase hɔ no, oyii nʼabogyesɛ, sesaa nʼatade, na ɔbaa Farao anim.
15 Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Maso dae bi a obiara ntumi nkyerɛ ase. Nanso mate sɛ wo de, sɛ obi ka ne dae kyerɛ wo a, wutumi kyerɛ ase. Ɛno nti na masoma abɛfrɛ wo yi.”
16 Yosef buaa Farao se, “Me ara merentumi mfi me tumi mu nkyerɛ dae no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo dae no ase.”
17 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mʼadaeso no mu no, na migyina Asubɔnten Nil konkɔn so. 18 Mihuu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fi asubɔnten no mu ba bɛnantew wura no mu, fii ase wee sare. 19 Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya nso puei; minhuu anantwi a wɔyɛ tan bi saa wɔ Misraim asase so da. 20 Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade na wɔn ho tua wɔn ho a wodii kan puei no. 21 Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyi no, hwee ankyerɛ sɛ wɔayɛ saa, na wɔn ho da so yɛ nkanyankanya, tantan no ara. Na mebɔɔ pitiri nyanee.
22 “Mesan soo dae bio hui sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ asow wɔ ɔmo dua baako so. 23 Eyinom akyi no, ɔmo kasiaw ason bi a apuei mframa abɔ no, ama akisa ayeyɛ nkanyankanya nso fifii. 24 Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me dae no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifo no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me ase.”
25 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao se, “Wo dae abien a wososoe no nyinaa nkyerɛase yɛ pɛ. Onyankopɔn nam dae no so reda biribi a ɔrebɛyɛ no adi akyerɛ wo. 26 Anantwi ason a wɔadodɔ srade no ne ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no ase kyerɛ mfe ason; ɛyɛ dae koro. 27 Anantwi ason a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ nkanyankanya no yɛ mfe ason, na saa ara na ɔmo kasiaw ason a ayeyɛ nhweanhweaa a apuei mframa ama akisa no te: ɛyɛ ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason.
28 “Ɛyɛ sɛnea meka kyerɛɛ Ɔhene no: Onyankopɔn akyerɛ wo nea ɔrebɛyɛ. 29 Mfe ason a edi kan no, aduan bebu wɔ Misraim asase so nyinaa, 30 nanso akyiri no, ɔkɔm kɛse bi bɛba mfe ason. Na nnipa werɛ befi asetena pa a wonyaa no mfe ason a edi kan no mu no. Ɔkɔm bɛposa asase no. 31 Esiane ɔkɔm a ebedi mmere pa a atwa mu no akyi no ano den a ɛbɛyɛ no nti, saa bere no wɔrenkae mmere pa no bio wɔ asase no so. 32 Saa dae abien a wosoo no kyerɛ sɛnea ɔkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Efisɛ Onyankopɔn na wasi gyinae pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa ɛbɛba mu saa.
33 “Enti wɔmma Ɔhene hwehwɛ onyansafo kɛse a ɔwɔ nhumu wɔ Misraim asase yi so, na ɔmfa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa. 34 Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansin ahorow anum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn betuatua amansin no ano no nyiyi nnɔbae a ɛbɛba mmere pa mfe ason no mu no nkyɛmu anum mu baako, mfa nsie. 35 Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wotuatua amansin no ano no boaboa nnuan a wobegyigye mmere pa mfe ason a nnuan bebu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao din mu. Wɔmfa saa nnuan no nhyehyɛ asan so wɔ nkurow akɛse mu. 36 Nnuan yi na mfe ason a ɔkɔm bɛba wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no bedi. Saa nnuan yi na wɔde besie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkɔm bɛbɔ ɔman no.”
Farao Pagyaw Yosef
37 Farao ne ne mpanyimfo no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu. 38 Enti Farao bisaa wɔn se, “So yebenya obi a ɔte sɛ ɔbarima yi, nea Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma?”
39 Na Farao dan nʼani ka kyerɛɛ Yosef se, “Onyankopɔn ayi saa dae yi ne ne nkyerɛase akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ onyansafo a ɔwɔ nhumu wɔ Misraimman yi mu sɛ wo. 40 Mede saa adwuma kɛse yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahengua a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ ɔkɛse sen wo.”
41 Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.” 42 Na Farao worɔw ne nsɔwano kaa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde sirikyi batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. 43 Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabediakyiri. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teɛteɛɛ mu se, “Momma kwan!” Saa ɔkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.
44 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mene Farao, Misraimhene de, nanso obiara ntumi mfi wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraimman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” 45 Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa.
46 Bere a Yosef kɔɔ ɔhene Farao agua ase no, na wadi mfirihyia aduasa. Farao maa Yosef kwan maa ɔbɔɔ aporɔw faa Misraim asase so nyinaa. 47 Mfe ason a edi kan no mu no, aduan buu so wɔ Misraim asase so yiye. 48 Saa mfe ason no mu no, Yosef boaboaa nnuan a ebuu so wɔ Misraimman mu no ano kɔkoraa wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Wɔde aduan biara a wonya fii kurow biara mu no bi siee wɔ hɔ. 49 Mfe ason akyi no, na Yosef akora nnuan wɔ nnuankorabea hɔ, ama abu so ara kosii sɛ afei na obiara mmu ho nkontaa bio.
50 Ansa na ɔkɔm kɛse no rebɛba no, na Yosef yere Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea no awo mmabarima baanu. 51 Yosef too nʼabakan no din Manase, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama me werɛ afi mʼamanehunu ne mʼagya fi nyinaa. 52 Yosef babarima a ɔto so abien no nso, wɔtoo no din Efraim, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.
53 Mfe ason a aduan buu so wɔ Misraim asase so no twaa mu. 54 Sɛnea Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason a edi so no fii ase. Ɔkɔm kɛse sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so de, na aduan abu so. 55 Bere a ɔkɔm no sii denneennen wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfo nyinaa se, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”
56 Bere a ɔkɔm kɛse no trɛw faa ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuankorabea no nyinaa ano, tɔn aburow maa Misraimfo no, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den yiye ma wɔn. 57 Enti na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano yɛ den yiye.