47
Yakob mma no beduu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao se, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn agyapade nyinaa afi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so.” Yosef yii ne nuabarimanom no mu baanum de wɔn kokyia Farao.
Farao bisaa anuanom no se, “Adwuma bɛn na moyɛ?”
Wobuaa no se, “Wo nkoa yɛ nguanhwɛfo, sɛnea na yɛn agyanom nso yɛ nguanhwɛfo no.” Anuanom no toaa so se, “Yɛaba ha sɛ ananafo a yɛrebɛtena ha kakra, efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den yiye wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nguan nnya aduan nni. Enti yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.”
Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuabarimanom baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wunim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nguan so mma me.”
Yakob Hyira Farao
Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bekyiaa Farao ma Yakob hyiraa no. Farao bisaa Yakob se, “Woadi mfe ahe?”
Yakob buaa Farao se, “Madi mfe ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Minnu mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.” 10 Na Yakob hyiraa Farao, na ofii nʼanim kɔe.
11 Enti Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenase wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapade wɔ asase no fa baabi a eye pa ara wɔ Rameses mansin mu, sɛnea Farao hyɛe no. 12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduan sɛnea wɔn mma dodow te.
13 Na aduan nni hɔ baabiara, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano ayɛ den yiye. Saa ɔkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa ma emu nnipa ne nnɔbae twintwamee. 14 Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a onya fii aduantɔn no mu no baa Farao ahemfi. 15 Bere a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa sae no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduan nni! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu?”
16 Yosef buaa wɔn se, “Sɛ mo sika asa de a, momfa mo nguan ne mo anantwi mmra mmegye aduan.” 17 Enti wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduan no yɛ apɔnkɔ, nguan, mmirekyi, anantwi ne mfurum. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduan.
18 Afe akyi no, Misraimfo no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkae se, “Yɛrentumi mfa biribiara nhintaw yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwi nso yɛ wo dea. Hwee nni hɔ bio a yebetumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko. 19 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduan. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburow, na ɔkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”
20 Enti Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɔkɔm no ano den nti, Misraimfo no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa ma nsase no nyinaa bedii Farao nsam. 21 Efi Misraim ti kosi ti, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa. 22 Asɔfo nko ara nsase na wantɔ, efisɛ asɔfo no de, na Farao atwa anoduan bi de ama wɔn. Ne saa nti na wɔn de, wɔantɔn wɔn nsase no.
23 Yosef ka kyerɛɛ nnipa no se, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, munnye aburow nkodua. 24 Na sɛ aburow no yɛ yiye, na mutwa a, momfa nkyɛmu anum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu anum mu anan a ɛbɛka no, mo ne mo fifo ne mo mma nni bi, na munnyaw bi nso a mubedua.”
25 Wɔkae se, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao se, onnye yɛn nto mu, na yɛnyɛ nkoa.”
26 Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛe sɛ wɔmfa asase no so nnɔbae nyinaa mu nkyɛmu anum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ besi nnɛ. Asɔfo no nsase nko ara na ankodi Farao nsam.
Yosef Hyɛ Nʼagya Bɔ
27 Israelfo no bɔɔ atenase wɔ Gosen mansin a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wonyaa agyapade wɔ hɔ, na wɔn ase nso fɛee yiye.
28 Yakob tenaa Misraim mfe dunson. Odii mfirihyia ɔha ne aduanan ason ansa na ɔrewu. 29 Eduu sɛ Yakob rebewu no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɛ wodɔ me de a, ka ntam di nsew sɛ, wobɛyɛ me adɔe, adi me nokware. Sɛ miwu a, nsie me wɔ Misraim ha. 30 Sɛ miwu a, momfa me mfi Misraim ha, nkosie me wɔ faako a wosiee me mpanyimfo no.”
Yosef hyɛɛ bɔ se, “Medi asɛm a woaka no so.”
31 Yakob kaa bio se, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuw ne pema so sɔree Onyankopɔn.