9
Apam A Onyankopɔn Ne Noa Yɛe
Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmabarima no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma. Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa. Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduan. Sɛnea mede nhabammono hyɛɛ mo nsa no, afei de, mede biribiara ma mo.
“Nanso ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wontwaa ne mene mmaa ne mogya no ngui no nam. Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.
“Obiara a ohwie onipa mogya gu no,
onipa so na wɔnam behwie ɔno nso mogya agu,
efisɛ Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.
Mo de, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe wɔ asase so, na monnɔɔso.”
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmabarima a wɔka ne ho no se, “Nnɛ, me ne mo ne mo asefo a wɔbɛwo wɔn no 10 ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ Adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wuram mmoa a wɔne mo fi Adaka no mu bae no nyinaa, ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so. 11 Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyiri nsɛe abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyiri nsɛe asase bio da.”
12 Na Onyankopɔn kae se, “Eyi ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnne. 13 Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam. 14 Bere biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a, 15 mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow no nyinaa ntam. Nsuyiri a ɛbɛsɛe abɔde a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio. 16 Bere biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mehu na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa a wɔwɔ asase yi so no ntam no.”
17 Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, “Eyi ne apam a me ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnne.”
Noa Mmabarima
18 Eyinom ne Noa mmabarima a wofi Adaka no mu bae: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. 19 Eyinom ne Noa mmabarima. Wɔn mu na nnipa a wɔahwete wɔ asase so nyinaa fi bae.
20 Noa yɛ okuafo a odii kan. Ɔyɛɛ bobeturo. 21 Da bi, ɔnom bobesa no bi bow ma ɔdaa ne ntamadan mu adagyaw. 22 Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagyaw. Ofii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuabarimanom baanu no amanneɛ. 23 Enti Sem ne Yafet faa atade de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya nti, wɔanhu nʼadagyaw mu.
24 Bere a Noa ani so tetew no, na ohuu sɛnea ne kaakyiri no ayɛ no, 25 ɔkae se,
“Nnome nka Ham asefo a wɔyɛ Kanaanfo.
Wɔbɛyɛ wɔn nuanom
mu nkoa mu nkoa.”
26 Noa kaa bio se,
“Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem!
Kanaan nyɛ Sem akoa.
27 Onyankopɔn ntrɛw Yafet ase ne nʼasase mu.
Yafet ntena Sem ntamadan mu,
na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
28 Nsuyiri no akyi no, Noa tenaa ase mfe ahaasa ne aduonum. 29 Noa dii mfe ahankron ne aduonum, ansa na ɔrewu.