16
Momfa nguantenmma sɛ sonkahiri
nkɔma asase no sodifo,
efi Sela fa nweatam no so,
kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so.
Te sɛ nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw mu
na wotu nenam wim no
saa na Moabfo mmea te
wɔ Arnon asutwabea.
 
Moab ka se, “Munsi mo adwene pi,
monna mo gyinaesi adi.
Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo,
awia ketee.
Momfa aguanfo no nhintaw
munnyi atubrafo no mma.
Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena;
monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.”
 
Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie
na adesɛe to betwa;
opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so.
Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi;
ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so,
obi a ofi Dawid fi,
nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee
na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.
 
Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ,
nʼani a atra ne ntɔn mmoroso,
nʼahomaso ne nʼasoɔden
nanso hwee nni nʼahomaso no mu.
Enti Moabfo twa adwo,
wɔbɔ mu su ma Moab.
Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw,
ma Kir Hereset bobe aba ɔfam.
Hesbon mfuw no hyew,
Sibma bobe mfuw nso saa ara.
Aman sodifo no atiatia bobe papa no so,
nea kan na wɔde kɔ Yaser
na ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no.
Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.
Enti misu sɛnea Yaser su,
de ma Sibma bobe mfuw.
Hesbon ne Eleale,
mede misu fɔw mo!
Mo aduaba a abere ho ahurusi
ne otwabere de no aka.
10 Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu;
obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu wɔ bobeturo mu;
obiara nkyi nsa wɔ nsakyiamoa so,
efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei.
11 Misi apini wɔ me koma mu wɔ Moab ho
te sɛ sankuten so kwadwom;
na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
12 Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a
ɔhaw ne ho kwa;
sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a,
ɛrenkosi hwee.
13 Eyi ne asɛm a Awurade aka dedaw afa Moab ho. 14 Nanso mprempren Awurade ka se, “Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden.”