29
Nnome Nka Dawid Kuropɔn
Due wo Ariel,
Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!
Fa afe ka afe ho
na ma wo mfirihyia mu afahyɛ ahorow no nkɔ so.
Nanso metua Ariel ano;
obedi awerɛhow na wato kwadwom,
ɔbɛyɛ sɛ afɔremuka so gya.
Mede dɔm betwa wo ho ahyia;
mesisi abantenten atwa wo ho ahyia
na madi ntuano dwuma atia wo.
Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu;
wo kasa a mu ntew no befi mfutuma mu aba.
Wo nne befi asase no mu aba te sɛ ɔsaman de;
wo kasa befi mfutuma mu aka asomsɛm.
 
Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu,
na atirimɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.
Ɛbɛba prɛko pɛ, amono mu hɔ ara.
Asafo Awurade bɛba.
Ɔde aprannaa ne asasewosow ne huuyɛ kɛse,
mframahweam ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade bɛba.
Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa,
wɔn a wɔtow hyɛ ɔne nʼaban so na wotua nʼano no,
ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeso,
anaa anadwo mu anisoadehu.
Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi,
na sɛ onyan a ɔte sɛ ɔkɔm de no no;
sɛnea obi a osukɔm de no so dae sɛ ɔrenom nsu,
nanso onyan a na watɔ beraw, na osukɔm de no ara no.
Saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodow a
wɔko tia Bepɔw Sion no.
 
Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa,
mo ani mfura a munhu ade;
mommobow a emfi nsa,
montotɔ ntintan a emfi bobesa.
10  Awurade de nnahɔɔ ato mo so:
Wakata mo ani (adiyifo no);
wakata mo ti so (adehufo no).
11 Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.” 12 Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.”
13 Awurade ka se,
“Saa nnipa yi de anohunu twiw bɛn me
na wɔde wɔn anofafa hyɛ me anuonyam,
nanso wɔn koma mmɛn me.
Som a wɔsom me no
yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
14 Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn bio
mede anwonwade ntoatoaso bɛyɛ;
mɛsɛe anyansafo nyansa,
na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”
15 Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ
wɔde wɔn atirimpɔw behintaw Awurade,
wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wosusuw sɛ,
“Hena na ohu yɛn? Hena na ɔbɛte ase?”
16 Musisi nneɛma ti ase,
sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no!
Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se,
“Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana”?
Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se
“Onnim hwee ana”?
 
17 Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asasebere
na asasebere no nso nyɛ sɛ kwae ana?
18 Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu
na kusuuyɛ ne esum mu mpo
onifuraefo ani behu ade.
19 Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio;
ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
20 Atutuwpɛfo bɛyera,
wɔrenhu fɛwdifo bio,
na wɔn a wodwen bɔne nyinaa, wobetwa wɔn agu,
21 wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ,
wɔn a wosum nea ɔreyi ne ho ano afiri wɔ asennii
na wodi adansekurum ma wobu nea odi bem no fɔ no nso wobetwa wɔn agu.
22 Enti sɛɛ na Awurade a ogyee Abraham nkwa no
ka kyerɛ Yakob fifo:
“Yakob anim rengu ase bio;
wɔn anim rehoa bio.
23 Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu,
wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a
wɔbɛyɛ me din no kronkron;
wobegye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,
na wɔde fɛre agyina Israel Nyankopɔn no anim.
24 Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease;
wɔn a wonwiinwii nso begye nkyerɛkyerɛ ato mu.”