45
“Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo,
Kores a maso ne nsa nifa mu
sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim
na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam
sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim
sɛnea kurow apon no mu rentoto.
Medi wʼanim
mɛyɛ mmepɔw tamaa;
mebubu kɔbere mfrafrae apon agu
na matwitwa nnade adaban mu.
Mede sum mu ademude bɛma wo
ahonyade a wɔde asie kokoa mu
sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade,
Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.
Me somfo Yakob nti,
Israel a mapaw no nti,
mebɔ wo din frɛ wo
na mɛma wo anuonyamhyɛ abodin,
ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de.
Mene Awurade, obiara nni hɔ bio;
Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.
Mɛhyɛ wo den,
ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de,
sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue
kosi beae a ɛtɔ no
nnipa behu sɛ obiara nka me ho.
Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
Meyɛ hann, na mebɔ sum.
Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba;
Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa.
 
“Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam;
momma emfi omununkum mu ntɔ
momma asase mu mmue kɛse,
na nkwagye mpue mfi mu,
na trenee ne no nnyin;
Me, Awurade na mayɛ.
 
“Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham
ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu.
Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se,
‘Dɛn na woreyɛ yi?’
Wʼadwuma betumi abisa wo se
‘Wunni nsa’?
10 Nnome nka nea ose nʼagya se
‘Dɛn na woawo yi?’
Anaa obisa ne na se,
‘Dɛn na wokyem woe?’
 
11 “Sɛɛ na Awurade se,
Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo;
Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no,
wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,
anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
12 Ɛyɛ me na meyɛɛ asase
na mebɔɔ adesamma guu so.
Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu;
nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.
13 Mɛma Kores so wɔ me trenee mu;
meteɛteɛ nʼakwan nyinaa.
Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔn
na wagyaa me nnommumfo,
nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde,
Asafo Awurade na ose.”
14 Sɛɛ na Awurade se:
“Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus,
ne Sebafo atenten no,
wɔbɛba wo nkyɛn
abɛyɛ wo dea;
wobedi wʼakyi brɛoo aba a
wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
Wobebu nkotodwe wʼanim
na wɔasrɛ wo aka se,
‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ;
onyame biara nni hɔ.’ ”
 
15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,
Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.
16 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;
wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu.
17 Nanso Awurade begye Israel nkwa,
ɔde daapem nkwagye;
wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio
kosi daapem.
 
18 Na sɛɛ na Awurade se,
nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no
ɔno ne Onyankopɔn;
nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no,
ɔno na ɔtoo ne fapem;
wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa,
mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so,
ɔka se:
“Mene Awurade,
na obi nni hɔ.
19 Menkasaa wɔ kokoa mu,
mfi asase so baabi a aduru sum;
menka nkyerɛɛ Yakob asefo se,
‘Monhwehwɛ me na munhu me.’
Me Awurade, meka nokware no;
meka nea eye.
 
20 “Mommoaboa mo ho ano na mommra;
munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so.
Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyin
wɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae.
21 Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua,
ma wɔmmɔ mu ntu agyina.
Hena na odii kan kaa no teteete,
hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee?
Ɛnyɛ me Awurade ana?
Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,
trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa;
obiara nni hɔ sɛ me.
 
22 “Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa,
mo a mowɔ asase ano nyinaa;
efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
23 Maka me ho ntam,
mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa mu
asɛm a wɔntwe nsan sɛ:
obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim.
Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.
24 Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘Awurade nko ara mu
na trenee ne ahoɔden wɔ.’ ”
Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa
bɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase.
25 Nanso Awurade mu, Israel asefo nyinaa
wobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho.