56
Afoforo Nkwagye
Sɛɛ na Awurade se:
“Monkɔ so mmu atɛntrenee
na monyɛ nea eye,
efisɛ me nkwagye abɛn
na ɛrenkyɛ me trenee bɛda adi.
Nhyira nka onipa a ɔyɛ eyi,
onipa a okura mu dennen,
nea ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,
na ɔkame ne ho fi bɔneyɛ ho.”
Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka se,
“Ampa ara Awurade renkan me mfra ne nkurɔfo mu.”
Na piamni biara nso nwiinwii sɛ,
“Meyɛ duwui.”
Sɛɛ na Awurade se,
“Piamfo a wɔkae me homenna,
wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ mʼani
na wokura mʼapam mu dennen,
mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ho afasu no
nkae ade ne din a,
ɛkyɛn mmabarima ne mmabea;
mɛma wɔn din a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ
din a ɛrentwa mu.
Na ananafo a wɔde wɔn ho bata Awurade ho
sɛ wɔbɛsom no,
sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,
na wɔasɔre no,
wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa
na wokura mʼapam mu dennen,
eyinom na mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so
na mama wɔn anigye wɔ me mpaebɔfi.
Wɔn ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ ahorow no
megye wɔ mʼafɔremuka so;
na wɔbɛfrɛ me fi
aman nyinaa mpaebɔfi.”
Otumfo Awurade,
nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se:
“Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn ho
aka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho.”
Onyankopɔn Sobo A Etia Amumɔyɛfo
Mommra, mo wuram mmoadoma nyinaa,
mummedidi, mo kwae mu mmoa nyinaa!
10 Israel awɛmfo yɛ anifuraefo,
wɔn mu biara nni nimdeɛ;
wɔn nyinaa yɛ akraman mum,
wontumi mmobɔ mu;
wɔdeda hɔ na wɔsoso dae,
nna yɛ wɔn dɛ.
11 Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye;
wonnidi mmee da.
Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease;
wɔn nyinaa fa wɔn kwan,
obiara pɛ nʼankasa mfaso.
12 “Mommra,” obiara teɛ mu se, “momma me nsa!
Momma yɛnnom bobesa mmow!
Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ,
ebia ɛbɛsen nnɛ koraa.”