59
Bɔne, Bɔneka Ne Ogye
Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa,
na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
Nanso mo amumɔyɛ na atetew
mo ne mo Nyankopɔn ntam;
mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo,
a enti ɔrente.
Na mogya akeka mo nsa ho,
afɔdi asra mo nsateaa ho.
Mo ano akeka atosɛm,
mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku.
Obiara nhwehwɛ atɛntrenee;
obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow.
Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo;
wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.
Wosow nhurutoa nkesua
na wɔnwen ananse ntontan.
Nea odi wɔn nkesua biara bewu,
mu baako nso bɔ a, ɛpae ahurutoa.
Wɔn ntontan nye mma adurade;
wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho.
Wɔn nneyɛe yɛ nneyɛe bɔne,
na wodi akakabensɛm.
Wotu mmirika kɔyɛ bɔne;
wɔnkyɛ opira ne awudi ho.
Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
Asomdwoe kwan no, wonnim;
atɛntrenee nni wɔn akwan so.
Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkye
obiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe.
 
Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware,
na adetrenee mmɛn yɛn.
Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ sum;
nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu.
10 Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu ho
hwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani.
Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo;
yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo.
11 Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi;
yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma.
Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi;
ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.
 
12 Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wɔ wʼani so,
na yɛn bɔne di adanse tia yɛn.
Yɛn mfomso da yɛn anim daa,
na yegye yɛn amumɔyɛ to mu:
13 atuatew ne nkontompo a etia Awurade,
yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn,
nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so,
atosɛm a efi koma mu a yɛka.
14 Enti wɔapam atɛntrenee kɔ nʼakyi,
na adetrenee akogyina baabi;
nokware ahwe ase wɔ mmɔnten so
nokwaredi ntumi mma mu.
15 Nokware nni baabiara,
obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo.
 
Awurade hwɛe na ansɔ nʼani
sɛ atɛntrenee nni hɔ.
16 Ohuu sɛ obiara nni hɔ,
ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata;
enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no,
na ne trenee wowaw no.
17 Ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo,
ne nkwagye dadekyɛw wɔ ne ti so.
Ɔhyɛɛ aweretɔ ntade
na ofuraa mmɔdemmɔ sɛ ntama.
18 Obegyina nea wɔayɛ so
atua so ka
nʼatamfo benya nʼabufuwhyew
wɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua;
nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn.
19 Efi atɔe fam, nnipa besuro Awurade din
na efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam.
Na ɔbɛba sɛ asu a ayiri tɛnn
na Awurade ahomegu repia no.
 
20 “Ogyefo no bɛba Sion,
na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,”
sɛɛ na Awurade se.
21 “Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.