7
Immanuel Ho Nsɛnkyerɛnne
Bere a Usia babarima Yotam babarima Ahas* bedii Yudaman so hene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoe, nanso wɔantumi anni ne so.
Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no.
Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so. Ka kyerɛ no se, ‘Hwɛ yiye, yɛ komm na nsuro. Mma wo koma ntu wɔ saa nnyentia abien a ɛrefi wusiw yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuwhyew no nti. Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛe ho pɔw se, “Momma yɛntow nhyɛ Yuda so, na yɛntetew wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yensi Tabeel babarima hene wɔ so.” Nanso nea Asafo Awurade se ni:
“ ‘Ɛremma so,
na ɛrensi da,
Aram ti ne Damasko,
na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti.
Mfirihyia aduosia anum mu no
Efraim mu bɛtetew koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.
Efraim ti ne Samaria
Remalia babarima pɛ ne Samaria ti.
Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidi mu a,
worennyina koraa.’ ”
10  Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio se, 11 “Bisa Awurade, wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnne, sɛ ɛwɔ bun ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohɔ.”
12 Nanso Ahas buae se, “Meremmisa, merensɔ Awurade nhwɛ.”
13 Na Yesaia kae se, “Muntie Dawidfi! Ɛnso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboase ahwɛ? Na mobɛsɔ me Nyankopɔn nso ntoboase ahwɛ ana? 14 Ɛno de, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnne; ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Immanuel. 15 Obedi nufusu ani srade ne ɛwo, bere a wahu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no. 16 Nanso ansa na abarimaa no behu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no, wɔbɛma ahemfo abien a wusuro wɔn no nsase ada mpan. 17  Awurade de bere bi bɛba wo ne wo nkurɔfo ne wʼagya fi so a ɛso bi mmaa da, efi bere a Efraim tew ne ho fii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”
18 Da no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afi nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nnowa a wofi Asiria asase so. 19 Wɔn nyinaa bɛba abegu aku a mu dɔ ne ntokuru a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne suka mu. 20 Da no, Awurade de oyiwan a obegye wɔ Asubɔnten no agya nohɔ wɔ Asiriahene nkyɛn, no beyi mo ti so ne mo anan ho nwi na wayi mo abogyesɛ nso. 21 Saa da no, obiara bɛyɛn nantwi ba baako ne mmirekyi abien. 22 Na esiane nufusu dodow a wɔbɛma nti, obenya nufusu ani srade adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bedi nufusu ani srade ne ɛwo. 23 Saa da no, baabiara a na anka bobe apem a ne bo yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wobehu nnɛnkyɛnse ne nsɔe. 24 Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, efisɛ nnɛnkyɛnse ne nsɔe agye hɔ. 25 Nkoko a na anka kan no wɔde nsɔw yɛ so adwuma, nnɛnkyɛnse ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio; ɛbɛdan mmeaemmeae a wogyaa anantwi ne nguan ma wɔkɔ.
* 7:1 Ɛbɛyɛ afe 735 AWK mu no, Israel ne Siria ka bɔɔ mu tiaa Asiria, na wɔpɛɛ sɛ wɔhyɛ Ahas a na ɔyɛ Yuda hempɔn no na ɔne wɔn bɔ mu kɔko.