2
Yesu Awo
Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so. Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din.
Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe. Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan. Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn. 10 Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11 Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”
13 Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se,
14 “Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn,
na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”
15 Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”
16 Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo hɔ no. 18 Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn. 19 Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20 Nguanhwɛfo no kohuu nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
Yesu Dinto
21 Abofra no dii nnaawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔsoro ɔbɔfo no kyerɛɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wotwaa no twetia.
Wɔde Yesu Kɔ Hyiadan Mu
22 Bere duu sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23 Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade.” 24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no.
25 Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no se ɔrenwu kosi sɛ obehu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu sɛ wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se,
29 “Awurade,
afei ma wʼakoa nwu wɔ asomdwoe mu
30 efisɛ mʼani ahu Agyenkwa
31 a wohyɛɛ me ne ho bɔ no.
32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa
na wahyɛ wo man Israel anuonyam!”
33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne na Maria nwonwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, “Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina. 35 Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu.”
Ana Nkɔmhyɛ
36 Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason pɛ na ne kunu no wui. 37 Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn. 38 Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa.
39 Wowiee amanne sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40 Abofra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.
Yesu Wɔ Hyiadan Mu
41 Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.* 42 Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no, nʼawofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no. 43 Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofo no nnim. 44 Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn. 45 Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46 Ne nnansa akyi no, wokohuu no wɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa. 48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”
49 Yesu buaa wɔn se, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?” 50 Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase.
51 Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim. 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.
* 2:41 Na mmara no hyɛ sɛ mmarima a wɔanyinyin nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no ase afe biara. Afahyɛ ahorow no ne Twam, Pentekoste ne Asese. Ɔkwan no tenten nti, na Yudafo no mu bebree ntumi nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no nyinaa bi, nanso Twam afahyɛ no de, na wɔbɔ mmɔden kɔ. 2:42 Sɛ mmarimaa di mfirihyia dumien a, wofi ase yɛ ahoboa sɛ wobewura nyamesom mu afe a edi so no mu. 2:46 Yerusalem akyerɛkyerɛfo a wonim mmara no yiye.