5
Asuafo A Wodi Kan No Frɛ
Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho. Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.”
Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no.”
Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.
Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me.” Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa. 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa.
Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo.” 11 Wɔde akorow no beduu asu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii nʼakyi.
Ɔkwatani Bi Ayaresa
12 Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”
13 Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, “Yiw, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amono mu hɔ ara, ne ho fii.
14 Yesu hyɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.”
15 Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛw mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yare nso. 16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae.
Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare
17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi. 19 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.
20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
21 Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”
22 Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, “Adɛn nti na modwene sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?” 23 Yesu bisaa wɔn se, “Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew? 24  Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti.” Mereka akyerɛ wo se, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!” 25 Amono mu hɔ ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 26 Wɔn a wogyina hɔ no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Nnɛ de, yɛahu anwonwade.”
Yesu Frɛ Lewi
27 Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.” 28 Lewi sɔre gyaw ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi.
29 Akyiri no, Lewi too pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase. 30 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?”
31 Yesu buaa wɔn se, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. 32  Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”
Mmuadadi Ho Asɛmmisa
33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?”
34 Yesu nso bisaa wɔn se, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn ana? 35  Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa bere no na wobedi mmuada.”
36 Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Na ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam. 37  Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe. 38  Eyi nti, nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu. 39  Obi nnom nsa dedaw nwie mmisa nsa foforo ase. Nea ɔnom no ka se, ‘dedaw no na eye.’ ”