19
Abrabɔ Kronkron
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron.
“ ‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ Awurade mo Nyankopɔn.
“ ‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
“ ‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani. Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no. Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo. Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.
“ ‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase. 10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.
11 “ ‘Mommmɔ korɔn.
“ ‘Munntwa atoro.
“ ‘Na munnsisi obiara.
12 “ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.
13 “ ‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi.
“ ‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so.
14 “ ‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene Awurade.
15 “ ‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.
16 “ ‘Munnni nseku.
“ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.
17 “ ‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara.
18 “ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.
19 “ ‘Munni me mmara so.
“ ‘Mma wo nantwi mforo aboa foforo bi.
“ ‘Nnua afifide a egu ahorow abien wɔ wʼafuw mu.
“ ‘Nhyɛ atade a wɔde atam ahorow abien na anwen.
20 “ ‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho. 21 Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini. 22 Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.
23 “ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi. 24 Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no. 25 Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
26 “ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam.
“ ‘Mommfa mo ho nkɔ asumansɛm anaa abayisɛm mu.
27 “ ‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so.
28 “ ‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene Awurade.
29 “ ‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase.
30 “ ‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene Awurade.
31 “ ‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Nyankopɔn.
32 “ ‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.
33 “ ‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no. 34 Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
35 “ ‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara. 36 Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no.
37 “ ‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene Awurade.’ ”