21
Asɔfodi Ho Mmara
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron mma asɔfo no se, ‘wonnso funu mu mfa ngu wɔn ho fi. Sɛ wobeso funu mu a, na ɛyɛ wɔn fini, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabea, onuabarima anaa onuabea a ɔyɛ ɔbabun a onni kunu na ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfo no. Ɛnsɛ sɛ ɔware ne busuani bi na ɔfa so gu ne ho fi.
“ ‘Asɔfo no nni ho kwan sɛ wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wogu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama Awurade wɔn Nyankopɔn.
“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo ware oguamanfo anaa ɔbea bi a ofi ɔman foforo so. Onni ho kwan sɛ ɔware ɔbea bi a wagyae aware, efisɛ ɔsɔfo yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn. Wɔayi ɔsɔfo no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Nyankopɔn afɔre; ɔyɛ kronkron na me Awurade a metew mo ho ma moyɛ kronkron no nso meyɛ kronkron.
“ ‘Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.
10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanyin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atade sononko no gyaa ne tinwi a onni no ni anaasɛ ebetwa ne ntama mu. 11 Onni ho kwan sɛ ɔkɔ beae a funu da hɔ; nʼagya anaa ne na funu koraa, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ho na ɔde agu ne ho fi 12 anaa nso sɛ ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ofi adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa me kronkronbea no sɛ ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.
13 “ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbabun. 14 Ɛnsɛ se ɔware okunafo anaa ɔbea bi a wagyae aware anaa oguamanfo. Ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔbɛware no no yɛ ɔbabun a ofi ne man mu, 15 sɛnea ɛbɛyɛ a ongu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfo mu. Mene Awurade a metew ne ho no.’ ”
16  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17 “Ka kyerɛ Aaron se, efi awo ntoatoaso a ɛbɛba no so rekɔ no, wʼaseni biara a wadi dɛm no nni ho kwan sɛ ɔbɔ Onyankopɔn afɔre. 18 Obi a wadi dɛm mmɛn me: onifuraefo anaa apakye anaa nea ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; 19 obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, 20 anaa nea ɔyɛ afu anaa akwatia anaa nea nʼani nye anaa nea kuru atutu no anaa nea ɔyɛ twow. 21 Ɔsɔfo Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno nti ɛnsɛ sɛ otwiw bɛn sɛ ɔde ne Nyankopɔn aduan rebrɛ no. 22 Nanso sɛ wɔbɔ afɔre no wie a, ɔsɔfo no tumi ma no Onyankopɔn afɔre no aduan no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔre kronkron. 23 Nanso ne dɛm no nti, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamtam no akyi anaa ɔbɛn afɔremuka no. Eyi begu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na watew hɔ ho.”
24 Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa.