24
Ngo Ne Brodo Kronkron
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo na wɔmmrɛ wo ngo kronkron na fa sɔ kanea sɛnea ɛrennum da. Wɔ kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a esi ntwamtam a etwa kronkron mu kronkron no akyi no. Efi anwummere kosi anɔpa biara, Aaron bɛhwɛ akanea a ɛwɔ Awurade anim no so. Eyi bɛyɛ ayɛde a ɛbɛtena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ akanea a esisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so bere biara.
“Momfa asikresiam muhumuhu nto brodo amuamu dumien a mua biara mode esiam lita anan ne fa na ɛbɛto. Monhyehyɛ no ntaataaso abien, a asia wɔ ntaataaso baako biara mu wɔ sikakɔkɔɔ kann pon no so wɔ Awurade anim. Mode aduhuam pa begu kyerɛpɛn biara ho de asi brodo no anan mu ayɛ afɔrebɔde a wɔhyew wɔ ogya so ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wɔde saa brodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a enni awiei ama Israelfo. Brodo yi yɛ Aaron ne ne mmabarima de, na ɛsɛ sɛ wodi wɔ kronkronbea hɔ, efisɛ ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde a wɔhyew ma Awurade no mu.”
Wosiw Obusuyɛfo Bi Abo
10 Da bi, aberante bi a ne na yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfo no baako nyaa ntɔkwaw wɔ wɔn atenae. 11 Ntɔkwaw no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wommu no atɛn. Na ne na din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ofi Dan abusua mu no babea. 12 Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.
13  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 14 “Fa obusuyɛni no fi atenae ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsiw no abo nkum no. 15 Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ onya ho asotwe: 16 obiara a ogu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ dɔm no nyinaa siw no abo. Ɔhɔho anaa Israelni biara a obegu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no.
17 “ ‘Obiara a okum ne yɔnko nipa no, ɛsɛ sɛ wokum no. 18 Obiara a okum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu. 19 Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bepira no bi saa ara. 20 Dompe mu bu nsi dompe mu bu anan mu; ani nsi ani anan mu; ɛse nsi ɛse anan mu. Sɛnea obi pira ɔfoforo, no saa ara na wompira ɔno nso. 21 Obiara a obekum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wokum no bi. 22 Mmara koro no ara wɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuroni. Mene Awurade, mo Nyankopɔn.’ ”
23 Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na woyii obusuyɛni no fii atenae hɔ kosiw no abo. Israelfo no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.