4
Bɔne Ho Afɔrebɔ
Afei Awurade hyɛɛ mmara foforo maa Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo se saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na obebu me mmara no bi so.
“ ‘Sɛ ɔsɔfo bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbu ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre de ma Awurade. Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na okum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Ɔsɔfo no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim wɔ ntama a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim. Afei, ɔsɔfo no de mogya no bi begu aduhuam no tumpan a esi afɔremuka no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wobehwie agu afɔremuka no ase de abɔ ɔhyew afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Afei ɔbɛtetew srade a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa, ne asaabo abien no ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku, 10 na wahyew no wɔ ɔhyew afɔremuka no so te sɛ nantwinini anaa nantwibere a wɔde no bɔ asomdwoe afɔre no pɛ. 11 Nanso nantwi ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nwoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamde, ne ne nsono no de, 12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ tew wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ fi afɔremuka no so kɔ hɔ kɔhyew no nnyansin so no.
13 “ ‘Sɛ Israelfo nyinaa yɛ bɔne a etia Awurade, na sɛ ɛnyɛ ɔboayɛ a, nnipa no nyinaa bedi ho fɔ. 14 Na sɛ wohu wɔn bɔne a, wɔde nantwi ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔre no a, ɔman no mu mpanyimfo de wɔn nsa begu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim. 16 Na ɔsɔfo no de ne mogya aba Ahyiae Ntamadan no mu, 17 na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade ne ntama a etwa ɔdan no mu no anim. 18 Ɔde mogya begu mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu wɔ Awurade anim. Afei obehwie mogya a aka wɔ ɔhyew afɔre no afɔremuka no ase no agu wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 19 Ɛsɛ sɛ woyi na wɔhyew srade a ɛwɔ aboa no mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so. 20 Ɔbɛfa ɔkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔre no so pɛpɛɛpɛ. Eyi bɛma ɔsɔfo no abɛyɛ mpata ama ɔman no, na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no. 21 Afei asɔfo no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beae foforo bi akɔhyew no wɔ hɔ te sɛnea ɔrebɔ ɔbaakofo bɔne ho afɔre no. Nanso eyi de, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔde.
22 “ ‘Sɛ mpanyimfo no bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom Onyankopɔn mmara no baako 23 na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔde. 24 Ɔde ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ beae a wokum ɔhyew afɔre mmoa no de ama Awurade no. Eyi yɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. 25 Afei, ɔsɔfo no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔde mogya no mu na ɔde asra afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkae agu afɔremuka no ase. 26 Wɔbɛhyew srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so te sɛ nea wɔhyew asomdwoe afɔre srade no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanyin ko no wɔ ne bɔne no ho; na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.
27 “ ‘Sɛ apapahwekwa bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom a, odi ho fɔ. 28 Nanso onya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no. 29 Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wɔakum no. 30 Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfo no behwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase. 31 Wobeyi srade no nyinaa afi mu te sɛ nea wɔfa bɔ asomdwoe afɔre no ara. Na ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
32 “ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguamma bɛbɔ ne bɔne ho afɔre nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbere a dɛm biara nni ne ho. 33 Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔde. 34 Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase. 35 Wɔbɛyɛ srade no sɛnea wɔyɛ asomdwoe oguamma srade no. Ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so te sɛ afɔre ahorow a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.