6
Bɔne A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔdi Afɔre
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko wɔ biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko, anaa otu ahu na ɔka ntam san wɔ ho se dekode no nni ne nkyɛn a, sɛ obi yɛ bɔne na odi ho fɔ a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba, biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no. Nʼafɔdi ho afɔrebɔde no sɛ ɔde odwennini a onni dɛm na ɔsom bo kɔma ɔsɔfo. Na ɔsɔfo no de no bɛyɛ mpata ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.”
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa saa mmara a ɛfa ɔhyew afɔre ho yi ma Aaron ne ne mmabarima. ‘Wobegyaw ɔhyew afɔrebɔde no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa, na ɛsɛ sɛ afɔremuka gya no kɔ so dɛw. 10 Ade kye a, ɔsɔfo no bɛhyɛ nʼasɔfotade hyerɛnhyerɛn wɔ ase na wahyɛ atadetam koro no ara bi nguguso na wakɔpra ɔhyew afɔre nsõ no de agu afɔremuka no nkyɛn. 11 Afei, ɔbɛsesa ne ntade no na wasoa nsõ no afi beae hɔ de akogu beae foforo a wɔatew hɔ no. 12 Saa bere yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔremuka no so no dɛw. Ɛnsɛ sɛ edum. Anɔpa biara ɔsɔfo no de ogya foforo bɛhyɛ mu na ɔde da biara ɔhyew afɔre agu so, na wahyew srade a wɔde bɔ da biara asomdwoe afɔre no. 13 Ɛsɛ sɛ bere biara ogya no kɔ so dɛw wɔ afɔremuka no so; ɛnsɛ sɛ edum.
14 “ ‘Atoko afɔre ho mmara nso ni: Aaron mmabarima begyina afɔremuka no anim na wɔde atoko afɔrebɔ no ama Awurade. 15 Ɔsɔfo no bɛsaw asikresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsa ma na ɔde ngo ne aduhuam afra ahyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani. 16 Ɔsaw ne nsa ma wie a, nea ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmabarima de a wobedi. Wobedi wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ a wɔremfa mmɔkaw mfra. 17 Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔkaw mmfra mu. Mede saa ɔhyew afɔre a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfo no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdi ho afɔrebɔ, nti ɛyɛ kronkron. 18 Aaron asefo mmarima ne asɔfo na wonni mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. Nanso asɔfo no nko ara na wonni afɔrebɔde a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no. Biribiara a ɛbɛka wɔn no bɛyɛ kronkron.’ ”
19 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 20 “Da a wɔbɛsra Aaron ne ne mmabarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam lita abien ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummere. 21 Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dade apampaa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yiye na wɔde ba sɛ ehua a ɛsɔ Awurade nʼani. 22 Ɔsɔfo a ofi Aaron mmabarima mu a wɔrehyɛ no sɔfo ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛnea wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhyew ne nyinaa no. 23 Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔsɔfo biara atoko afɔre a ɔbɛbɔ no nyinaa; ɛnsɛ sɛ wodi.”
24 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara ni: ‘Saa afɔrebɔde yi ho yɛ kronkron yiye enti ɛsɛ sɛ wokum no Awurade anim wɔ beae a wokum ɔhyew afɔrebɔde no. 26 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔde no wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ. 27 Wɔn a wɔatew wɔn ho a wɔyɛ asɔfo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntade mu a, ɛsɛ sɛ wɔhoro ntade no wɔ beae a wɔatew ho hɔ. 28 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ kuku a wɔnoaa nam no wɔ mu no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wotwiw mu, na wɔde nsu hohoro mu nyinaa yiye. 29 Ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu no bedi afɔrebɔde no bi—wɔn nko ara—efisɛ ɛyɛ kronkron yiye. 30 Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔde no mogya no bi kɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de kɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfo biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hyew aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.