2
Asɔfo No Animka
Afei mo asɔfo, saa animka yi yɛ mo de. Sɛ moantie, sɛ moanyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo Awurade se ni.
Mo nti mɛka mo asefo anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. Na mubehu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛnea Asafo Awurade se ni. Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoe apam. Na ehia ma nidi, enti ɔde nidi maa me na ɔde fɛre maa me din. Nokware nkyerɛkyerɛ fii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantew asomdwoe ne nokwaredi mu, na ɔmaa bebree dan wɔn ho fii bɔne ho.
“Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafo. Nanso moaman afi ɔkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree ahintihintiw; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Enti mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, efisɛ moannantew mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.”
Yuda Anni Nokware
10 Yɛn nyinaa mfi Agya baako? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn nti na yenni yɛn ho yɛn ho nokware, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so?
11 Yuda anni nokware. Akyiwadeyɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a Awurade dɔ no ho fi, efisɛ waware ɔbea a ɔsom ananafo nyame. 12 Ɔbarima a ɔyɛ eyi de, sɛnea ɔte biara, Awurade mpam no mfi Yakob ntamadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔde brɛ Asafo Awurade no koraa a.
13 Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw Awurade afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn. 14 Mubisa se, “Adɛn nti?” Efisɛ Awurade te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmerantebere mu yere ntam, nanso woanni no nokware, ɛwɔ mu sɛ ɔyɛ wo yere wɔ aware nhyehyɛe mu de.
15 Ɛnyɛ Awurade koro no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmerantebere mu yere nokware.
16 “Mikyi awaregyae!” Sɛnea Awurade Israel Nyankopɔn se ni. “Na metan ɔbarima a ɔde abufuwhyew hyɛ ne yere so na ɔsan de ne ntama kata no so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokware.
Atemmuda
17 Mode mo nsɛm tuatua Awurade aso.
Mubisa se, “Ɔkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?”
Moka se, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa sen wɔ Awurade anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn temmufo nokwafo no wɔ he?”