2
Israel Mmusuakuw Atenae Ho Nhyehyɛe
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: “Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.”
 
Apuei fam,
baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson. Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).
Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).
Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).
Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan (186,400). Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan.
 
10 Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur. 11 Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).
12 Simeon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel. 13 Ne dɔm ano si mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).
14 Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. 15 Na ne dɔm ano si mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).
16 Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien.
 
17 Afei Lewifo no de Ahyiae Ntamadan befi wɔn atenae mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuw no nyinaa bɛkɔ no nnidiso sɛnea wɔn atenae nhyehyɛe te wɔ wɔn mmusuakuw mfrankaa akyi.
 
18 Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama. 19 Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum (40,500).
20 Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. 21 Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).
22 Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan. 23 Ne dɔm ano si mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).
24 Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abiɛsa.
 
25 Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser. 26 Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).
27 Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel. 28 Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahannum (41,500).
29 Naftali abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira. 30 Ne dɔm ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).
31 Mmarima a wɔwɔ Dan atenae no ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia (157,600).
 
32 Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum (603,550). 33 Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho.
 
34 Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.