21
Kanaanfo So Nkonimdi
Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so kyekyeree ebinom nnommum. Afei, Israelfo no kaa ntam kyerɛɛ Awurade se, “Sɛ wode saa nnipa yi bɛhyɛ yɛn nsa a, anka yebegu wɔn nkurow akɛse no.” Awurade tiee wɔn adesrɛ no na ɔde Kanaanfo no maa wɔn. Israelfo no sɛee wɔn ne wɔn nkurow akɛse pasaa; wɔtoo hɔ din Horma a ase ne “Ɔsɛe.”
Kɔbere Mfrafrae Ɔwɔ
Afei, Israelfo no fii Bepɔw Hor so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ sɛ wobetwa dantaban afa Edom ho. Nanso wɔrekɔ no nipa no aba mu bui; wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ne Mose se, “Adɛn nti na moayi yɛn afi Misraim de yɛn aba sɛ yemmewuwu wɔ sare yi so? Aduan nni ha! Nsu nni ha! Yɛmpɛ saa awerɛhow aduan yi!”
Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre yiye kɔkekaa wɔn mu bebree ma wowuwui. Na nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ se, “Yɛayɛ bɔne, efisɛ yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpae kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Enti Mose bɔɔ mpae maa nnipa no.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn abaa tenten bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na ɔhwɛ no a, ɔrenwu.” Enti Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no, de sɛn dua tenten so. Na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔma nʼani so hwɛ no a, onwu.
Israelfo Kɔ Moab
10 Israelfo no fi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ. 11 Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Haabarim wɔ sare so wɔ Moab apuei fam. 12 Wofi hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subon mu kɔbɔɔ atenae wɔ hɔ. 13 Afei, wotu fii hɔ kɔɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifo bɔ hye. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɔhye a ɛda Moabfo ne Amorifo ntam. 14 Ɛno nti na, wɔka wɔ Awurade akodi nhoma no mu se,
asubɔnten Arnon subon
ne kurow Waheb 15 da Amorifo ne Moabfo ntam.
16 Israelfo no fi hɔ toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Beer a ase ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsu.”
17 Ɛhɔ na Israelfo too dwom yi,
“Tue Ao, Abura!
To ho dwom!
18 To dwom fa abura a mmapɔmma tutu no ho,
sɛ nnipa mu akunini na wotitii mu;
akunini a wokura ahempeaw ne pema.”
Afei, Israelfo no fii sare no so kɔfaa Matana, 19 Nahaliel ne Bamot, 20 na wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bon no mu, baabi a wugyina a wuhu asase tamaa no.
Sihon Ne Og So Nkonimdi
21 Israelfo no tuu abɔfo ma wɔde nkra kɔmaa Amorihene Sihon se:
22 “Momma yentwa mu mfa mo man yi mu. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee, na yɛremfi so kosi sɛ yɛbɛtra mo hye. Yɛrentiatia mo nnɔbae so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsu kosi sɛ yebefi mo man no mu.”
23 Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakofo ano kɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ sare so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas. 24 Nanso Israelfo no kunkum wɔn faa wɔn asase a efi Asubɔnten Arnon kosi asu Yabok ho toaa so kosii Amorifo ahye so a na bammɔ wɔ hɔ no. 25 Israelfo no faa Amorifo no nkurow akɛse nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu. 26 Na Hesbon yɛ Amorihene Sihon kuropɔn. Sihon na da bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa besii Asubɔnten Arnon no.
27 Ne saa nti, tete anwensɛm kyerɛwfo kyerɛw eyi faa ne ho se,
“Bra Hesbon, Sihon kuropɔn,
yɛnkyekye na ensi ne dedaw mu.
 
28 “Ogya turuw fii Hesbon
Ogyaframa fii Sihon ahenkurow mu,
Ɛhyew Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab;
ɛsɛee kurowmma a wɔwɔ Arnon mmepɔw so.
29 Ao Moabfo, mo sɛe bɛba mu!
Wɔawie mo, mo a mosom Kemos!
Wagyaw ne mmabarima sɛ atutenafo,
Ne ne mmabea
sɛ Amorihene Sihon nnommum.
 
30 “Yɛatu wɔn agu,
efi Hesbon tɔnn kosi Dibon.
Yɛasɛe wɔn ara akosi Nofa
De kɔ ara kosi Medeba.”
31 Enti Israelfo no tenaa Amorifo asase no so.
32 Mose somaa akwansrafo sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafo toaa wɔn, faa wɔn nkurow nyinaa, pam Amorifo no. 33 Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kurow kɛse Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafo hyiaa wɔn wɔ Edrei.
34  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Nsuro no, efisɛ mede nʼasraafo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii Hesbon so no.”
35 Israelfo dii nkonim na wokum ɔhene Og ne ne mmabarima ne ne nkurɔfo nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Na Israelfo no faa nʼasase no.