23
Balaam Nkɔmhyɛ A Edi Kan
Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.
Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.
Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.”
Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho. Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm:
“Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram,
Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so.
Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me;
bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome
wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ?
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu
wɔn a Awurade mmuu wɔn fɔ so?
Mihu wɔn fi ɔbotan atifi;
mehwɛ wɔn fi nkoko so.
Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho
a wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa.
10 Hena na obetumi akan Yakob mfutuma,
anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako?
Ma minwu atreneefo wu,
na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.”
11 Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”
12 Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abien
13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.” 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so.
15 Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awuradewɔ hɔ.”
16  Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
17 Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “Awurade aka dɛn?”
18 Na ɔhyɛɛ ne nkɔm:
“Balak, sɔre na tie;
Sipor babarima tie me.
19 Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;
Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.
Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?
Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?
20 Wɔahyɛ me sɛ minhyira;
wahyira, na merentumi nnan ani!
 
21 “Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu,
wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu.
Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho;
Ɔhene ka wɔn ho!
22 Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim;
ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn.
23 Nnome biara mmaa Yakob so ɛ,
mmusu biara nni Israel so.
Afei, wɔbɛka afa Yakob
ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’
24 Nnipa no sɔre sɛ gyatabere.
Wɔwosow wɔn ho sɛ gyata
a onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa
na ɔnom nea wakyere no no mogya.”
25 Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.”
26 Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?”
Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abiɛsa
27 Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.” 28 Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.
29 Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.” 30 Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.