25
Moabfo Daadaa Israelfo
Bere a Israelfo no tenaa Sitim no, wɔn mu mmarima no bi fii ase ne Moab mmea no bɔɔ aguaman de guu wɔn ho fi. Saa mmea yi too nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔbɔɔ afɔre maa wɔn anyame. Wodii Moabfo anyame so afɔrebɔ nnuan na wɔkotow wɔn nso. Enti Baal a ɛwɔ Peor no som bɛyɛɛ ɔhyɛ maa Israelfo. Eyi maa Awurade bo fuw ne nkurɔfo no yiye.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa saa nnipa yi ntuanofo no nyinaa, kunkum wɔn na fa wɔn gu owia so wɔ Awurade anim sɛnea ɛbɛyɛ a, nʼabufuwhyew no befi Israel so.”
Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no no se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara kunkum mo nkurɔfo a wɔde wɔn ho akɔhyɛ Baal a ɛwɔ Peor no ase no nyinaa.”
Na Israelni bi de Midiani bea bi baa wɔn atenae hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa huu wɔn bere a na wogyinagyina Ahyiae Ntamadan pon no ano retwa adwo no. Bere a Pinehas a ɔyɛ Eleasar babarima a na ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena huu eyi no, ofii wɔn mu, kɔfaa peaw kitae; na odii Israelni no akyi kɔɔ ntamadan no mu. Ɔde peaw no wɔɔ ɔbarima no san de wɔɔ ɔbea no yafunu mu. Enti ɔyaredɔm a na aba Israelfo no so no to twae; nanso saa bere no, na nnipa mpem aduonu anan (24,000) awuwu dedaw.
10  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 11 “Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena ayi mʼabufuw afi Israelfo no so. Esiane sɛ wako apere mʼanuonyam wɔ wɔn mu sɛnea mepɛ ayɛ no nti, sɛnea meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfo no, magyae. 12 Enti ka kyerɛ no se, me ne no rebɛyɛ asomdwoe apam. 13 Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefo bɛyɛ asɔfo afebɔɔ, efisɛ watwe me ho ninkunu wɔ Israelfo mu de ayɛ mpata ama wɔn.”
14 Ɔbarima a wokum no ne Midiani bea no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a otua Simeon abusuakuw ano no babarima. 15 Ɔbea no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babea.
16  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17 “Tow hyɛ Midianfo no so sɛ atamfo na kunkum wɔn. 18 Efisɛ wɔfaa mo sɛ atamfo, na wɔdaadaa mo ma mo som Baal a ɛwɔ Peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babea, a wokum no wɔ Peor ɔyaredɔm da no.”