27
Selofehad Mmabea
Hefer a ɔyɛ Manase ba, Mika ba, Gilead ba no babarima Selofehad a wofi Manase mmusua a efi Yosef ase no mmabea a wɔn din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa sɔree. Wɔbaa Mose, ɔsɔfo Eleasar, mpanyimfo ne wɔn a wɔahyia wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no nyinaa anim bɛkaa se, “Yɛn agya wuu wɔ sare so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛma wowuwuu no ho. Ɔno ankasa bɔne nti na owui a wannyaw mmabarima. Adɛn nti na esiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima nti ne din ayera fi nʼabusua mu? Momma yɛn yɛn agya abusua mu agyapade no bi.”
Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. Awurade buaa no se, “Asɛm a Selofehad mmabea no ka no yɛ nokware. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapade a sɛ wɔn agya no te ase a anka obenya no ma wɔn.
“Ka kyerɛ Israelfo no se sɛ obi wu na onni mmabarima a ɛsɛ sɛ nʼagyapade kɔ ne mmabea hɔ. Na sɛ onni ɔbabea nso a, ɛsɛ sɛ agyapade no kɔ ne nuabarimanom nkyɛn. 10 Na sɛ onni nuabarimanom a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11 Na sɛ onni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfo di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”
Woyi Yosua Sɛ Mose Abediakyiri
12  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ bepɔw a ɛwɔ Abarim mmepɔw no so na hwɛ asase a mede maa Israelfo no. 13 Sɛ wohwɛ wie a, wubewu sɛnea wo nua Aaron wui no, 14 efisɛ wɔsɔre tiaa me mmara wɔ Sin sare so hɔ, mo baanu no buu mʼahyɛde so na moanhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn ani so.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsu “Akoe” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin sare so no so.
15 Mose ka kyerɛɛ Awurade se, 16 Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti, yi obi ma onni dɔm yi anim 17 a ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade nnipa renyɛ sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.”
18 Enti Awurade buaa Mose se, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ akanni honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa to no so. 19 Fa no kɔ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa anim na fa ne dwumadi hyɛ ne nsa. 20 Fa wo tumi no bi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo nyinaa betie no. 21 Sɛ wohia akwankyerɛ a efi Awurade hɔ a, Yosua begyina ɔsɔfo Eleasar anim, na ɔsɔfo Eleasar abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛde. Ɔno na ɔbɛhyɛ ama Israelfo no nyinaa afi adi na wahyɛ ama wɔaba mu.”
22 Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa. 23 Na ɔde ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛnea Awurade nam ne so hyɛe no.