29
Ntorobɛnto Afahyɛ
“ ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan wɔ afe biara mu no, munni torobɛnto afahyɛ no. Monyɛ nhyiamu kronkron no na obiara nyɛ adwumaden biara. Momfa nantwi ba onini baako, Odwennini baako ne adwennini ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani. Momfa esiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ atoko afɔre no a nantwi no ka ho. Odwennini no, momfa lita anan ne fa nka ho na lita abien ne fa nso nka nguantenmma no biara ho. Momfa ɔpapo baako nka ho mmɔ bɔne ho afɔre mfa nyɛ mpata mma mo. Eyinom ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ no ɔsram biara ne daa de a wɔakyerɛ no ho. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔde brɛ Awurade sɛ ehua a ɛsɔ ani.
Mpata Da Afɔrebɔ
“ ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du so no monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛyɛ da a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛase mu wɔ Awurade anim na ɛnsɛ sɛ biara yɛ adwuma biara. Mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani. Afɔrebɔde no yɛ nantwi ba baako, odwennini baako, nguamma a wɔadi afe ason a wonnii dɛm biara. Momfa nantwi ba no nsiesie atoko afɔre a mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita asia ne fa afra, 10 na momfa lita anan ne fa nka odwennini no ho na momfa lita abien ne fa aka nguamma ason no mu biara ho. 11 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔre. Eyi ka bɔne afɔrebɔde a wɔbɔ de pata ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daadaa a aduan afɔrebɔde ne nsa afɔre ka ho no ho.
Ntamadan Afahyɛ
12 “ ‘Monyɛ nhyiamu kronkron wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no so, na monnyɛ adwumaden biara. Munni afahyɛ no nnanson mma Awurade. 13 Nneɛma a mode bɛbɔ ɔhyew afɔre na ama ayi hua a ɛsɔ Awurade ani no yɛ nantwimma anini dumiɛnsa, adwennini abien ne adwennini dunan a wɔadi afe na wonnii dɛm biara. 14 Ɛsɛ sɛ mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ka nantwimma dumiɛnsa no biara ho. Lita anan ne fa nka adwennini no baako biara ho, 15 na lita abien ne fa nka nguantenmma dunan no biara ho. 16 Momfa ɔpapo mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew afɔre, atoko ne nsa afɔre a mobɔ no daa no ho.
17 “ ‘Da a ɛto so abien no, momfa anantwi anini mma dumien, adwennini abien ne adwennini a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɛbɔ afɔre. 18 Saa afɔrebɔde yi mu biara no, mode anantwinini, adwennini ne nguantenmma no ho aduan ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔahyɛ no bɛka ho. 19 Ɔhyew afɔre a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde no ho abɔ bɔne ho afɔre.
20 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so abiɛsa no, mode anantwinini dubaako, adwennini abien, nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara; 21 na sɛnea moyɛ no daa no, mode anantwi, adwennini ne nguantenmma no ne aduan ne nsa afɔrebɔde bɛka afɔrebɔde biara ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre de ka daa ɔhyew afɔrebɔ no ho a atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde ka ho.
23 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so anan no, momfa anantwinini du, adwennini abien, ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre. 24 Momfa atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka biara ho. 25 Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
26 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so anum no, momfa anantwinini akron, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre. 27 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguamma afɔrebɔ no ho. 28 Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
29 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so asia no, momfa de anantwinini awotwe, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre. 30 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho. 31 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
32 “ ‘Afahyɛ no da a ɛto so ason no, momfa anantwinini ason, adwennini abien ne nguamma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara dunan mmɔ afɔre. 33 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho. 34 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
35 “ ‘Da a ɛto so awotwe no, monyɛ ɔpɔn nhyiamu sononko. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara saa da no. 36 Mommɔ aduan afɔre a ɔhyew afɔre a ɛwɔ hua a ɛsɔ Awurade ani wɔ mu. Momfa nantwinini baako, Odwennini baako, nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɔ. 37 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka nantwinini, odwennini ne nguantenmma no ho. 38 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
39 “ ‘Mommɔ afɔre yinom mma mo Awurade wɔ mo afahyɛ ahorow no nu: mo hyew, atoko, nsa ne asomdwoe afɔre no; na momfa nka afɔre a mufi mo pɛ mu hyɛ ho bɔ no no ho. Muhyia, didi afirihyia no mu a, twa ara na etwa sɛ mobɔ saa afɔre yi. Na ɛka mo afɔre a mobɔ fa bɔ a moahyɛ anaa nea efi mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyew afɔre, atoko afɔre, nsa afɔre anaa asomdwoe afɔre no ho.’ ”
40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no sɛnea Awurade hyɛɛ no no.