6
Ahotuafo Mmara
Awurade san ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima anaa ɔbea kɔyɛ Nasareni de tew ne ho wɔ Awurade anim a, ɛno akyi, saa bere a ɔwɔ ahotew no mu no, onni ho kwan sɛ ɔnom nsa a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsa a emu kaw. Saa bere no mu no, onni ho kwan sɛ odi biribiara a efi bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.
“Saa bere no mu no, ɛnsɛ sɛ oyi ne tinwi, efisɛ ɔyɛ kronkron na wɔatew ne ho ama Awurade; ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tinwi fuw no.
“Ne bɔhyɛ no nna no mu a watew ne ho ama Awurade no, onni ho kwan sɛ ɔkɔ owufo ho. Sɛ owufo no yɛ nʼagya, ne na, ne nuabarima anaa ne nuabea koraa a, ɔnnkɔ ne ho, efisɛ ɔda so hyɛ ne bɔ a ɔhyɛ de tew ne ho maa Onyankopɔn no ase. Saa bere no mu nyinaa, wɔatew ne ho ama Awurade.
“Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi no, ɛsɛ sɛ oyi ne tinwi a ɛho agu fi no. Afei, wobedwira ne ho afi fi a owufo no de aka no no ho. 10 Nʼadekyee a ɛyɛ da a ɛto so awotwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien brɛ ɔsɔfo wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfo no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyew afɔre, na ayɛ mpata ama nea ne ho agu fi no. Na da no ara, ɛsɛ sɛ oti ne bɔhyɛ mu na ɔsan ma ne tinwi no fuw bio. 12 Nna dodow a odii wɔ ne bɔhyɛ a edi kan no mu no nyinaa ahyew agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforo de afi ase, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ afɔdi ho afɔre.
13 “Da a ne bɔhyɛ a ɛtew ɔno ne Awurade ntam no wie du no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 14 Ɛhɔ na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. Ɔde oguan ba a wadi afe a onnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔre no. Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere a wadi afe a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini a onnii dɛm bɔ asomdwoe afɔre. 15 Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne brodo a mmɔkaw mfra mu, asikresiam tetare a wɔde ngo afra; brodo ntrantraa bi a mmɔkaw mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduan ne nsa afɔrebɔde ka ho.
16 “Ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo no de saa afɔrebɔde yi nyinaa ba Awurade anim na wabɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre. 17 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoe afɔre a brodo kɛntɛnma a mmɔkaw nni mu nso ka ho na ɔde abɛbɔ aduan ne nsa afɔre.
18 “Afei, ɔhotuafo no beyi ne tinwi a afuw kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ eyi wɔ Ahyiae Ntamadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoe afɔre a wɔrebɔ no wɔ gya mu no ahyew no.
19 “Wɔayi ɔbarima no tinwi no awie no, ɔsɔfo no de odwennini no basa a wɔatoto tetare a mmɔkaw nni mu no baako ne brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. 20 Ɔsɔfo no behim akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho tew ma ɔsɔfo no. Wɔbɛyɛ no sɛnea wɔyɛ odwennini no basa mu mfe mparow a wohim no wɔ Awurade anim no. Eyi akyi no, ɔhotuafo no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no afi ne bɔhyɛ no mu.
21 “Eyinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahorow brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, otumi de afɔrebɔde biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”
22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima no se, ɛsɛ sɛ wohyira Israelfo yi sononko sɛ:
24 “ ‘Awurade nhyira mo
na ɔnhwɛ mo so.
25  Awurade ntew nʼanim nkyerɛ mo
na ɔnnom mo.
26  Awurade mma nʼani so nhwɛ mo
na ɔmma mo asomdwoe.’
27 “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmabarima hyira Israelfo, na mʼankasa nso mehyira wɔn.”