9
Twam Afahyɛ
Ɔsram a edi kan no mu afe a ɛto so abien no mu a wɔafi Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose bere a ɔne Israelfo wɔ Sinai sare no so no se, “Ma Israelfo no nni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano. Munni no wɔ ne bere ano, na mofa ne mmara akwan ahorow no nyinaa so nni wɔ ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere.”
Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se wonni Twam Afahyɛ no, na wɔyɛɛ saa wɔ Sinai Nweatam no so wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Na Israelfo no yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
Nanso na nnipa no bi fi ayi aba a esiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufo nti na wɔn ho agu fi. Eyi nti wɔantumi anni Twam Afahyɛ no bi. Enti wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn da no ara bɛka kyerɛɛ Mose se, “Yɛde yɛn ho aka funu ama yɛn ho agu fi, nanso dɛn nti na yɛne Israelfo nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔde mmrɛ Awurade sɛnea nhyehyɛe no te no?”
Mose buaa wɔn se, “Montwɛn mma mimmisa sɛnea Awurade mmara no ka fa mo ho.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 10 “Ka kyerɛ Israelfo no se, Obiara a obeso funu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ofi awo ntoatoaso a ɛreba no mu wɔ Twam Afahyɛ bere a ɛbɛma ne ho agu fi anaa ɔnam akwantu so nti wɔantumi amma no tumi di Awurade Twam Afahyɛ no, 11 nanso ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no anwummere na ɛsɛ sɛ wodi. Saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔwe oguamma no a brodo a mmɔkaw nni mu ka ho a naban nweenwen ka ho. 12 Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so, anaa wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ontuu kwan nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu afi Israelfo no mu wɔ afɔre a wamma ammɛbɔ amma Awurade bere a ɛsɛ mu no nti. Wɔbɛsoa wɔn afɔdi ho sodi.
14 “Ɛsɛ sɛ ɔhɔho a ɔfra mo mu no fa mmara koro no ara so di Awurade Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔhɔho ne okuroni nyinaa di mmara koro no so.”
Ogyamununkum
15 Da a wɔmaa Ahyiae Ntamadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummere no ara, omununkum no dan yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa de kosii adekyee. 16 Saa ara na ɛte bere biara, na edu anadwo a, mununkum no dan yɛ sɛ ogya. 17 Omununkum no maa ne ho so no, Israelfo no dii akyi kosii baabiara a ɛkɔ kogyina ma wɔbɔɔ hɔ atenae. 18 Eyi kyerɛ sɛ, sɛ Awurade ka se wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka se wonnyina a, wogyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina mmere dodow a egyina hɔ no nyinaa. 19 Sɛ egyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ egyina hɔ nna kakraa bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakraa bi saa ara, efisɛ saa na Awurade ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. 20 Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiae Ntamadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wotu fii wɔn atenae. 21 Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyee. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenae hɔ di akyi. 22 Sɛ omununkum no ba Ahyiae Ntamadan no atifi na edi nnaanu, ɔsram anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfo no hwɛ de tena hɔ. Nanso enya tu ara pɛ a, na wɔn nso atu. 23 Eyi kyerɛ sɛ, wɔn nsrabɔ ne wɔn akwantu nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn no so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛe.