Dwom 118
Monna Awurade ase efisɛ oye,
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
 
Momma Israel nka se,
“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
Momma Aaronfi nka se,
“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
Momma wɔn a wosuro Awurade nka se,
“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
 
Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade;
ogyee me so, na ɔma me dee me ho.
Awurade ne me boafo; enti merensuro.
Dɛn na onipa betumi ayɛ me?
Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo.
Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo.
 
Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade mu,
sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so.
Eye sɛ yebehintaw Awurade mu,
sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.
10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae,
nanso Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.
11 Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara,
nanso Awurade din mu, mitwitwaa wɔn gui.
12 Wɔkyere guu me so sɛ nnowa,
nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu;
Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.
13 Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,
nanso Awurade boaa me.
14  Awurade yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ;
wayɛ me nkwagye.
 
15 Osebɔ ne nkonimdi
gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se,
Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!
16 Wɔama Awurade nsa nifa so;
Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!”
17 Merenwu, mmom mɛtena ase
na mapae mu aka nea Awurade ayɛ.
18  Awurade atwe mʼaso dennen,
nanso onyaa me mmaa owu ɛ.
19 Bue trenee apon ma me;
na mɛhyɛn mu na mede aseda ama Awurade.
20  Awurade ponkɛse ni;
ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu.
21 Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so;
na woayɛ me nkwagye.
 
22 Ɔbo a adansifo no poe no,
abɛyɛ tweatibo.
23  Awurade na wayɛ eyi,
na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so.
24 Nnɛ yɛ da a Awurade ayɛ.
Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.
 
25  Awurade, gye yɛn nkwa;
Awurade, ma yɛn nkonimdi.
 
26 Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba.
Yehyira wo fi Awurade fi.
27  Awurade yɛ Onyankopɔn,
na wama ne hann ahyerɛn yɛn so.
Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen
nkɔ afɔremuka no mmɛn ho.
 
28 Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ;
wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.
 
29 Monna Awurade ase, efisɛ oye;
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.