Dwom 13
Dawid dwom.
Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana?
Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?
Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere
na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa?
Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?
 
Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn.
Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.
Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.”
Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.
 
Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;
me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.
Mɛto dwom ama Awurade,
efisɛ ɔne me adi no yiye.
Wɔde ma dwonkyerɛfo no.