Dwom 15
Dawid dwom.
Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu?
Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?
 
Nea ne ho nni asɛm
na ɔyɛ nea ɛteɛ,
nea ɔka nokware a efi ne koma mu
na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa
nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne
na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,
nea obu afideyɛni animtiaa
na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade,
nea odi ne ntam so,
bere a etia no mpo,
nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho
na onnye adanmude ntia nea odi bem.
 
Nea ɔyɛ eyinom no
renhinhim da.