Dwom 47
Koramma dwom.
Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;
momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn.
Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa,
Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so!
Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,
na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase.
Oyii yɛn agyapade maa yɛn,
nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade.
 
Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu,
Awurade wɔ torobɛnto nnyigyei mu.
To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom;
to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom.
 
Efisɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Hene.
Monto ahurusi nnwom mma no.
Onyankopɔn di hene wɔ amanaman no so;
Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so.
Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano
sɛ Abraham Nyankopɔn nkurɔfo,
efisɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn de;
na wɔma no so kɛse.