15
Awurade Po Saulo Sɛ Ɔhene
Da bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a efi Awurade nkyɛn no. Asɛm a Asafo Awurade se ni, ‘Me ne Amalekfo bedi wɔ nea wɔyɛ de tiaa Israelfo bere a na wofi Misraim reba no ho. Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’ ”
Enti Saulo frɛɛ nʼakofo boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodow yɛ mpem ahannu ne mpem du nso a wofi Yuda. Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛw obon no mu. Na ɔkraa Kenifo no se, “Mumfi nea Amalekfo no te hɔ na mansɛe mo ne wɔn, efisɛ Israelfo no fi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yiye.” Enti Kenifo no twee wɔn ho fi Amalekfo no ho.
Na Saulo kunkum Amalekfo no fii Hawila kosii Sur wɔ Misraim apuei fam. Ɔkyeree Amalekfo hene Agag anikann, nanso okunkum nnipa no nyinaa. Na Saulo ne nʼakofo no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nguan pa, anantwi pa ne anantwi ne nguamma a wɔadodɔ srade ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee nea so nni wɔn mfaso na enni mu nyinaa.
Awurade Po Saulo
10 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, 11 “Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, efisɛ wanni me nokware, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haw Samuel, na osu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.
12 Ade kyee no, Samuel sɔree ntɛm kohyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no se, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekosi nkaedum de ahyɛ ne ho anuonyam, na ofii hɔ kɔɔ Gilgal.”
13 Samuel kɔtoo no no, Saulo kyiaa no anigye so se, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛde no so.”
14 Samuel bisae se, “Na dɛn ne nguan ne anantwi su a mete yi?”
15 Saulo gye too mu se, “Ɛyɛ nokware sɛ asraafo no amfa wɔn nsa anka nguan pa ne anantwi pa no. Nanso wɔde eyi rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no de, yɛasɛe no.”
16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.”
Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?”
17 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Ebia wubu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wudii Israel mmusuakuw nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. 18 Na ɔsomaa wo sɛ kodi dwuma bi ma no, na osee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumɔyɛfo a ɛyɛ Amalekfo no pasapasa, kosi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dwerɛbee.’ 19 Adɛn nti na woantie Awurade? Adɛn nti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ nea Awurade kaa se monnyɛ?”
20 Saulo nso kaa no denneennen se, “Mitiee Awurade. Nea ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛe. Mede ɔhene Agag san bae. Na wɔn a aka no de, mesɛee wɔn nyinaa. 21 Na mʼakofo no nso de nguan pa, anantwi pa ne asade bae sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.”
22 Na Samuel buae se,
“Nea ɛwɔ he na ɛsɔ Awurade ani:
sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre,
anaasɛ wobɛyɛ osetie ama Awurade nne?
Osetie ye sen afɔrebɔ.
Sɛ wubetie no no ye sen sɛ wode adwennini akɛse srade bɛma.
23 Atuatew te sɛ bayi,
na asoɔden nso te sɛ ahonisom.
Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no nti,
ɔno nso apo wʼahenni.”
Saulo Srɛ Bɔnefakyɛ
24 Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel se, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na misuro nnipa no nti na meyɛɛ wɔn apɛde maa wɔn no. 25 Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”
26 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Merensan ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛde enti Awurade nso apo wʼahenni!”
27 Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo soo nʼatade mu pɛɛ sɛ ɔsan no, na atade no mu suanee. 28 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ efi nnɛ, Awurade atew Israel ahemman mu afi wo ho de ama obi foforo a oye sen wo. 29 Nea ɔyɛ Israel Anuonyam no nni atoro na ɔnsesa nʼadwene; efisɛ ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”
30 Saulo srɛɛ bio se, “Minim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me anuonyam wɔ me mpanyimfo ne me nkurɔfo anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Nyankopɔn.” 31 Enti Samuel pene ne Saulo san kɔe, na Saulo som Awurade.
Samuel Kum Ɔhene Agag
32 Afei, Samuel kaa se, “Fa ɔhene Agag brɛ me.”
Agag baa ne nkyɛn gyidi mu, susuw sɛ ɛhɔ a wakɔ no de, owu apare no.
33 Nanso Samuel kae se,
“Sɛnea wʼafoa akum mmea bi mmabarima no,
wo nso wo na bɛyɛ ɔbea a onni ba.”
Enti Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.
34 Na Samuel fi hɔ kɔɔ Rama na Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea. 35 Samuel anhyia Saulo bio nanso odii ne ho yaw bebree. Na Awurade nuu ne ho sɛ osii Saulo hene wɔ Israel so.