23
Dawid Bɔ Keila Kurow Ho Ban
Da koro bi, Dawid tee sɛ Filistifo no aba Keila, na wɔrewia wɔn awi wɔ wɔn awiporowbea. Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana?”
Awurade buae se, “Yiw, kɔ na kogye Keila.”
Nanso Dawid mmarima no kae se, “Yuda ha mpo yesuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifo asraafo nyinaa.”
Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no se, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifo no so nkonim.”
Enti Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wokunkum Filistifo no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafo no. Ahimelek ba Ɔsɔfo Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotade sɛ ɔrekogye mmuae afi Awurade nkyɛn ama Dawid.
Ankyɛ, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteɛɛ mu se, “Eye. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kurow yi ho afasu ayi no!” Enti Saulo boaboaa nʼakofo nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akotua Dawid ne ne mmarima ano.
Nanso Dawid huu Saulo nhyehyɛe, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, ɔmfa asɔfotade no mmra, na ommisa Awurade nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. 10 Na Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, efisɛ mewɔ ha. 11 Merebisa sɛ, enti Keila mmarima beyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛnea mete no? Ao, Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ me.”
Na Awurade buaa no se, “Ɔbɛba.”
12 Bio, Dawid bisaa se, “Enti, Keila mmarima beyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?”
Na Awurade buaa se, “Yiw, wobeyi mo ama.”
Dawid Kohintaw Sare So
13 Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia fii Keila, na wokyinkyin baabiara a wobetumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afi Keila no, ogyaa nʼakyi di.
14 Dawid tenaa ne hintabea hɔ wɔ sare so ne Sif mmepɔw asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyee ne adesae biara, nanso Awurade amfa Dawid anhyɛ ne nsa.
15 Bere a Dawid wɔ Hores wɔ Sif sare so no, ɔtee sɛ Saulo nam kwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no. 16 Na Saulo ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidi mu. 17 Yonatan hyɛɛ no den se, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabediakyiri, sɛnea mʼagya Saulo nim no.” 18 Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ fie na Dawid de, ɔtenaa Hores hɔ.
19 Sififo no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea koyii Dawid mae se, “Yenim baabi a Dawid akohintaw. Ɔwɔ abandennen mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔw mu, wɔ Yesimon anafo fam ha yi. 20 Ɔhene, bere biara a wubenya kwan no bra na yɛbɛkyere no ama wo.”
21 Saulo kae se, “Awurade nhyira mo! Afei, mahu sɛ mʼasɛm fa obi ho. 22 Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhu faako a ɔte ne obi a wahu no wɔ hɔ. Wose ɔyɛ onifirifo. 23 Monhwehwɛ nʼahintawee, na monsan mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ mpɔtam hɔ nko ara de a, menya no, na mehwehwɛ no wɔ Yuda abusuafi ahorow no nyinaa mu.”
24 Na Sif mmarima dii Saulo kan kɔɔ wɔn kurom. Saa bere no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon sare a ɛwɔ Araba bon a ɛwɔ Yesimon anafo fam no so. 25 Bere a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ sare so akyirikyiri, kosii ɔbotan kɛse no ho, tenaa Maon sare so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so hwehwɛɛ no.
26 Afei na Saulo wɔ bepɔw no fa bi na Dawid ne ne dɔm nso wɔ ne fa bi, repɛ ntɛm aguan Saulo bere a na Saulo ne ne mmarima rebɛn Dawid ne ne nkurɔfo sɛ wɔbɛkyere wɔn no, 27 ɔbɔfo baa Saulo nkyɛn bɛkae se, “Bra ntɛm! Filistifo abɛtow ahyɛ asase no so.” 28 Ɛno nti, Saulo gyaee Dawid akyidi, na ɔsan nʼakyi sɛ ɔne Filistifo no rekɔko. Eyi nti na wɔfrɛ saa beae yi Oguan Botan no. 29 Enti Dawid kɔtenaa En-Gedi abandennen.