3
Asafo Mpanyimfo
Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa. Asafopanyin yɛ obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ogye ahɔho wɔ ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefo. Ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma yɛ osetie de obu ne nidi ma no. Na sɛ obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomaso ama wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifo no mpo de nidi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afiri renyi no.
Asafo Mu Aboafo
Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo. Ɛsɛ sɛ wɔde adwene mu fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no. 10 Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a wɔasom.
11 Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wonni nseku. Ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware wɔ biribiara mu.
12 Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafo no wɔ yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye. 13 Wɔn a wɔsom yiye no benya nnyinaso pa, na wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.
14 Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn. 15 Na sɛ mannu wo nkyɛn ntɛm a saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea wɔbɔ wɔn bra wɔ Onyankopɔn fi; ofi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asafo a ɛyɛ nokware no nnyinaso. 16 Akyinnye biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔn:
Ɔbae onipa tebea mu,
Honhom no buu no bem,
na abɔfo huu no,
wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu,
na wiase gyee no dii,
wɔfaa no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu.