Asomafoɔ No Nnwuma
1
Asafo No Asehyɛ
Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ kɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no. Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no. Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”
Yesu Sorokɔ
Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?”
Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no. Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.”
Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.
10 Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, 11 kaa sɛ, “Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio.”
Wɔyi Matia Sɛ Yuda Nanmusini
12 Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. 13 Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne:
 
Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;
Filipo, Toma,
Bartolomeo, Mateo,
Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.
 
14 Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia bɔ mpaeɛ.
15 Nna kakra bi akyi no, agyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa sɛ: 16 Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu.
18 (Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so. 19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.)
20 Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ,
“ ‘Ne efie nna mpan,
na ne som adwuma no, obi mfa.’
21 Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa, 22 firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi ɛberɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ.”
23 Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia. 24 Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no, 25 sɛ ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi kɔ no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no.” 26 Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.