12
Wɔtaa Asomafoɔ No
Saa ɛberɛ yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi hyɛɛ aseɛ yɛɛ wɔn ayayadeɛ. Ɔde akofena kumm Yohane nua Yakobo. Ɔhunuu sɛ Yudafoɔ no ani gye deɛ ɔyɛeɛ no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafoɔ baanan na wɔwɛn no ɛberɛ biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ, Twam Afahyɛ no akyi, ɔbɛdi nʼasɛm wɔ ɔman no anim.
Ɛberɛ a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpaeɛ denden, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.
Ɔbɔfoɔ Yi Petro Firi Afiase
Anadwo a adeɛ rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agugu no asesa asraafoɔ baanu a wɔwɛn no no. Na asraafoɔ baanu nso rewɛn afiase ɛpono no ano. Amonom hɔ ara, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afiase hɔ maa ɛhɔ hyerɛneeɛ. Ɔbɔfoɔ no wosoo Petro, nyanee no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre ntɛm!” Ɛhɔ ara, nkɔnsɔnkɔnsɔn no tete firii Petro nsa.
Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Hyɛ wʼatadeɛ ne wo mpaboa. Petro wieeɛ no, ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ no sɛ, Fira wo ntoma na di mʼakyi.” Petro dii nʼakyi firii adi. Wɔrekɔ no, na ɛyɛ no sɛ adaeɛso anaa anisoadehunu, ɛfiri sɛ, na ɔnnye nni sɛ ɛyɛ asɛm pa ara. 10 Wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi ɛkan no ne wɔn a wɔtɔ so mmienu no ho bɛduruu dadeɛ ɛpono a ɛda kuro no ano no ho. Wɔduruu hɔ no ɛpono no ankasa bue maa wɔfaa mu kɔeɛ. Wɔfaa borɔno bi so kɔɔ animu kakra, na afei ɔbɔfoɔ no gyaa Petro hɔ.
11 Petro ani baa ne ho so maa ɔkaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ deɛ ɛsiiɛ no nyinaa yɛ nokorɛ! Awurade somaa ne ɔbɔfoɔ na ɔbɛgyee me firii Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ hwehwɛɛ sɛ wɔyɛ me no mu.”
12 Petro hunuu deɛ asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no maame a ne din de Maria no fie. Saa ɛberɛ no, na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ. 13 Petro bɔɔ abɔntenpono no mu, na abaayewa bi a wɔfrɛ no Roda bɛtieeɛ. 14 Ɛberɛ a ɔtee nne no, anigyeɛ enti, wammue ɛpono no. Ɔsane nʼakyi kɔbɔɔ amaneɛ sɛ, “Petro gyina ɛpono no akyi.”
15 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama worebɔ dam.” Nanso, ɔkɔɔ so kaa sɛ ɛyɛ nokorɛ. Wɔn nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama ne saman.”
16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɛpono no akyi. Wɔbueeɛ a wɔhunuu Petro no, wɔn ho dwirii wɔn. 17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɛkwan a Awurade nam so yii no firii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.
18 Adeɛ kyeeɛ no, awɛmfoɔ no ho yeraa wɔn yie sɛ wɔnhunu faako a Petro afa. 19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhunu no. Wɔdii awɛmfoɔ no asɛm, buu wɔn kumfɔ.
Yei akyi no, Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra. 20 Ɛberɛ a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfoɔ bi a wɔasoma wɔn firi Tiro ne Sidon bɛhunuu no. Na Herode bo afu Tirofoɔ ne Sidonfoɔ. Nanso, abɔfoɔ yi dwane toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛba, ɛfiri sɛ, na saa nkuro yi nya wɔn nnuane nyinaa firi Herode asase so.
21 Wɔtuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no duruiɛ no, ɔhyɛɛ nʼahentadeɛ tenaa nʼahennwa so, kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Herode kasa wieeɛ no, nnipa no kaa sɛ, “Ɔkasa sɛ onyame bi.” 23 Ɛhɔ ara Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛbɔɔ no maa ɔyareeɛ. Ɔdɔree mmoa ma ɔwuiɛ, ɛfiri sɛ, wamfa obuo amma Onyankopɔn.
24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛ maa nnipa bebree gye diiɛ.
Wɔsoma Asɛmpatrɛ Adwumayɛfoɔ
25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadie no, wɔsane wɔn akyi firii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.